Add parallel Print Page Options

Paulo kɔ Korinto

18 Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto na ofi Italia baa hɔ nkyɛe no ne ne yere, Priskila. Wofii Italia, efisɛ, na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma asase so. Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ, na wɔn nyinaa nwene ntamadan.

Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛe sɛ anka ɔdan Yudafo ne Helafo no adwene ma wogye di. Bere a Silas ne Timoteo fi Makedonia bae no, Paulo de n’adagyew nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanse kyerɛɛ Yudafo no sɛ Yesu ne Agyenkwa no. Bere a Yudafo no ampɛ sɛ wotie Paulo asɛnka, na wɔyeyaw no no, ɔde abufuw poroporow n’atade mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mmusu ngu mo atifi. Mo afobu nna me so. Efi nnɛ de rekɔ merekɔka asɛm no makyerɛ Amanamanmufo.”

Ofi hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamefɛrefo bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panyin no ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofo bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka m’asɛm no, 10 efisɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ, nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ m’akyidifo.” 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.

12 Bere a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafo no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asennii, 13 kae se, “Saa onipa yi retu nkurɔfo aso se wɔnkwati Yudafo mmara no mfa ɔkwan foforo so nsom Onyankopɔn.”

14 Paulo yɛe sɛ ɔrebue n’ano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Yudafo, sɛ mode asɛm foforo bi a ɛfa nsɛmmɔnedi anaa abususɛm ho na ɛbae a, anka mɛhwɛ maka. 15 Nanso esiane sɛ ɛyɛ akyinnyegye a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufo.” 16 Na ɔpamoo wɔn fii asennii hɔ.

17 Afei dɔm no tow hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, twee no kɔɔ asennii hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.

Paulo san kɔ Antiokia

18 Paulo tenaa Korinto kyɛe kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refi hɔ akɔ Siria. Esiane bɔ a na wahyɛ wɔ Kenkeria no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔma woyii ne ti. 19 Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae. 20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ obetumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so.

21 Mmom ɔrebefi hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsan maba bio.” Na afei ofii hɔ kɔɔ Efeso.

22 Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia. 23 Odii nna kakra wɔ hɔ no, ofii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ gyidifo a wɔwɔ hɔ no den.

Apolo kasa wɔ Efeso ne Korinto

24 Saa bere no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na n’ano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye. 25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim. 26 Ofii ase de nnam kasae wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yiye.

27 Bere a Apolo pɛe sɛ ɔkɔ Akaia no, gyidifo a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, kyerɛw krataa kɔmaa gyidifo a wɔwɔ hɔ no se wonnye no. Bere a okodui no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti, wɔabɛyɛ gyidifo no yiye. 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no gui wɔ baguam, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.