Add parallel Print Page Options

Wodi Paulo asɛm wɔ Felike anim

24 Nnanum akyi no, ɔsɔfo panyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too n’anim. Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne w’akwankyerɛ pa nti, efi bere a wobae yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani sɔ nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. Mempɛ sɛ mesɛe wo bere enti mesrɛ wo sɛ nya bere tiaa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no. Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo a ɔde basabasayɛ ba Yudafo nyinaa mu. Ɔyɛ Nasiri fekuw no mu panyin. Ɔpɛe sɛ ogu asɔredan no ho fi. Ɛno nti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. Nanso ɔsafohene Lisia begyee no fii yɛn nsam abra nso, hyɛe sɛ wommedi n’asɛm wɔ w’anim. Sɛ wubisa no a, wo ara ankasa wubehu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokware. Yudafo no nso foaa nsɛm a wɔkae no so, sɛ ɛyɛ nokware.

Paulo yi ne ho ano

10 Afei Amrado no maa Paulo kwan sɛ onyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano se, “Minim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufo akyɛ, ɛno nti, sɛ migyina w’anim reyi me ho ano a, minsuro. 11 Sɛnea ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumien ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom. 12 Yudafo a wɔde me baa ha yi anhu me sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. 13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokware.

14 “Nanso migye tom sɛ menam Awurade asɛm a Yudafo yi kasa tia no so som yɛn agyanom Nyankopɔn. Na migye nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no ne adiyifo nhoma no mu no nso midi. 15 Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso di. 16 Eyi nti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.

17 “Mfe bebree akyi a mifii Yerusalem no, mesan mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛde rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔre. 18 Bere a madwira me ho awie na migu so rebɔ aseda afɔre wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi huu me. Na matwitwa me ti nhwi sɛnea mmara no kyerɛ no. Saa bere no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. 19 Saa bere no, na Yudafo bi a wofi Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka. 20 Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wogyina so buu me fɔ wɔ agyinatufo no anim a, wɔnka. 21 Asɛm baako pɛ na migyina wɔn anim no, mekae. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre no mu nti na migye di sɛ morebu me atɛn nnɛ.’

22 Felike a na onim saa Awurade asɛm no yiye no tuu asɛm no hyɛɛ da, kae se, “Sɛ ɔsafohene Lisia ba a, na medi w’asɛm no.” 23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panyin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.

Paulo gyina Felike ne Drusila anim

24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no ma ɔbɛkaa gyidi a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. 25 Paulo reka trenee, ahosohyɛ ne atemmuda ho asɛm no Felike suroe enti ɔkae se, “Kɔ! Akyiri yi, sɛ minya adagyew a mɛsoma mabɛfrɛ wo.

26 Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ. 27 Mfe abien akyi no, Porkio Festo besii Felike ananmu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani no nti, ogyaw Paulo wɔ afiase hɔ.