Add parallel Print Page Options

Paulo yi ne ho ano

26 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo se, “Afei mema wo ho kwan sɛ wuyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasae se, “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina w’anim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafo aka atia me no ho. Nea ɛma meka saa ne sɛ, wunim Yudafo mmara ne wɔn amanne nyinaa pefee. Enti mesrɛ wo, tɔ wo bo ase tie me.

Yudafo no nim m’asetra mu nsɛm nyinaa fi me mmofraase. Wonim m’asetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso. Sɛ wɔbɛka nokware a, wonim sɛ meyɛ Farisini a midi Yudafo mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. Nea enti a migyina ha yi yɛ asɛm foforo koraa, efisɛ, merehwɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nenanom no kwan. Saa bɔhyɛ yi a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu no nti na na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Onuonyamfo, saa anidaso yi nti na Yudafo nyinaa asɔre atia me yi. Adɛn nti na mo Yudafo nnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?

“Mmere bi a atwam no, na m’adwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de atia Yesu a ofi Nasaret no din. 10 Saa ara na meyɛe wɔ Yerusalem. Migyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifo guu afiase; na sɛ wobu wɔn kumfɔ a, midi mu akoten. 11 Mema wɔtwee wɔn aso mmere pii wɔ hyiadan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa wɔn gyidi. M’ani beree wɔn so yiye ma metaa wɔn koduu aman foforo so.

Paulo ka n’adwensakra ho asɛm

12 “Saa ɔtaa yi nti na mikogyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. 13 Daasebrɛ, da bi owigyinae a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn fii soro betwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiae. 14 Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Hebri kasa mu se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me? Nea woyɛ yi nyinaa wode rehaw wo ho sɛnea nantwi tu ne nan wɔ ɔkafo poma ano.’

15 “Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awura?’ “Awurade buae se, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. 16 Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me somfo na woadi adanse wɔ nea woahu afa me ho yi ne nea mɛkyerɛ wo nyinaa ho. 17 Megye wo mafi Israelfo ne Amanamanmufo a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam. 18 Wubebue wɔn ani na woatwe wɔn afi sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afi ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fafiri na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’

19 “Ɛno nti, ɔhene Agripa, meyɛɛ osetie maa nne a efi soro no. 20 Mifii ase kaa Asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudafo aman nyinaa so ne Amanamanmufo mu, sɛ ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn na wɔmma wɔn nneyɛe nkyerɛ sɛ wɔasakra. 21 Saa asɛm yi ara nti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafo no bɛkyeree me sɛ wɔrekokum me. 22 Nanso ebesi nnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se, 23 “Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔyɛ awufo mu abakan, na ɔka nkwagye ho asɛm no kyerɛ Yudafo ne Amanamanmufo’ no bɛba mu.”

Festo bu Paulo ɔbɔdamfo

24 Paulo gu so rekasa no, Festo teɛɛ no kae se, “Paulo, woabɔ dam. W’adesua dodow no abɔ wo dam.” 25 Nanso Paulo buae se, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokware a aba wɔ mu. 26 Ɔhene Agripa, esiane sɛ wunim saa nsɛm yi nyinaa nti no, metumi magyina w’anim mede akokoduru makasa. Migye di sɛ biribiara a esii no wunim, efisɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. 27 Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di anaa? Minim sɛ wugye wɔn di.”

28 Agripa bisaa Paulo se, “Wugye di sɛ wubetumi adan m’adwene ama mayɛ Kristoni saa bere tiaa yi mu anaa?”

29 Paulo buae se, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no me mpaebɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa bɛsakra abɛyɛ sɛ me, gye nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu me yi nkutoo.”

30 Afei ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔree. 31 Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”

32 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Sɛ onipa yi nguan ntoaa Kaesare a anka yebetumi agyaa no.”