Add parallel Print Page Options

Obubuafo bi ayaresa

Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔn abiɛsa a ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Pon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto pon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.

Bere a ohui sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi. Wɔhwɛɛ n’anim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!”

Ɔhwɛɛ wɔn susuwii sɛ wɔbɛma no biribi.

Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kritso Nasaretni din mu, sɔre nantew!”

Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den. Ohuruw gyinaa ne nan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn.

Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Wohuu no no, wohui sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛfo a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Pon Fɛfɛ no ano no. Wɔn ho dwiriw wɔn.

Petro kasa kyerɛ nnipa no

11 Bere a nnipa no hui sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abranna no so hɔ.

12 Bere a Petro huu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? 13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ ɔbegyaa no no mpo, mopoo no wɔ n’anim. 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo. 15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho adansefo.

16 “Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.

17 “Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no na onim na munnim. 18 Tete no Onyankopɔn nam n’adiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. 19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔde mo bɔne afiri mo, 20 sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Mesia no a wayi no ama mo dedaw no. 21 Sɛnea Onyankopɔn nam n’adiyifo Kronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. 22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. 23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wɔbɛtew no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’

24 “Samuel ne adiyifo a akyiri yi wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛɛ no yɛ mo de. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamoe no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘W’asefo so na menam mehyira wiasefo nyinaa.’ 26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”