Add parallel Print Page Options

Asafo mu asomfoyi

Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Helenifo ne Hebrifo no ntam. Na Helenifo no asɛm ne sɛ, Yudafo no nhwɛ Helenifo no akunafo yiye.

Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan. Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.”

Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a waso Yudasom mu no. Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.

Nnipa pii gyee asɛm no dii maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.

Wɔkyere Stefano

Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu.

Nanso da koro bi nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no ‘Ahofadifo Hyiadan’ no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye. 10 Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.

11 Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”

12 Wɔnam saa kwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne mmara no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim. 13 Afei wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan Kronkron no ne Mose Mmara no.

14 “Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasaretni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de maa yɛn no!” 15 Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim na wohui sɛ n’anim hyerɛn sɛ ɔbɔfo.