Add parallel Print Page Options

Stefano yi ne ho ano

Ɔsɔfo panyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware anaa?”

Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa n’anuonyam adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, ‘Fi w’abusuafo nkyɛn ne w’asase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’ Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham n’agya wu akyi no, Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so. Onyankopɔn amfa asase no fa babiara ankyɛ Abraham sɛ n’ankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne n’asefo nyinaa de. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na onni mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘W’asefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahanan. Na mɛtwe nnipa a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’

“Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumiem no twetia.

“Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ n’afa nti, 10 oyii no fii ne haw nyinaa mu. Bere a Yosef bepuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛase ne nyansa. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ sohwɛfo.

11 “Saa bere no mu,ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kana asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni. 12 Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan. 13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao huu Yosef abusuafo. 14 Yosef kraa n’agya Yakob sɛ ɔne n’abusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔsɔn anum. 15 Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui. 16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no mu.

17 “Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw. 18 Akyiri yi, ɔhene bi a na onnim Yosef bedii ade. 19 Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.

20 “Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okita Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ n’agya fi asram abiɛsa, 21 na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ n’ankasa ne ba. 22 Wɔtetew no Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.

23 “Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. 24 Oduu hɔ no, ohui sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no maa Mose kum Misraimni no. 25 Mose susuwii sɛ n’ankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam no so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase.

26 “Ade kyee no, ohui sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’

27 “Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne ɔtemmufo.? 28 Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnera wukum Misraimni no anaa?’

29 “Bere a Mose tee saa asɛm yi no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.

30 “Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo bi nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. 31 Nea Mose hui no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ hwɛɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, 32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.

33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose se,’Worɔw wɔ mpaboa, efisɛ, faako a wugyinae no yɛ asase kronkron. 34 Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a woresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’ 35 Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne ɔtemmufo no?’ Ɔno na Onyakonpɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. 36 Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.

37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛsoma odiyifo bi a ofi mo mu aba mo nkyɛn.’ 38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiam wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no, na na saa bere no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wom no de brɛɛ yɛn.

39 “Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛe se wɔsan kɔ Misraim asase so bio. 40 Enti wɔka kyerɛɛ Aaron, se,’Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ, yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ 41 Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ.

42 “Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu sɛ, ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode mfe aduanan kum mmoa de bɔɔ afɔre maa me wɔ sare so hɔ. 43 Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa nti, mɛpam mo makogu Babilonia akyi.

44 “Saa bere no na Ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. 45 Akyiri yi yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de Ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so.

46 “Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. 47 Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn. 48 Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu sɛnea odiyifo no ka se, 49 ‘Ɔsoro yɛ m’ahengua, Awurade na ose. Na asase yɛ me nan ntiaso. Ɔdan bɛn na wubesi ama me? Na m’ahomegyebea wɔ he? 50 Ɛnyɛ m’ankasa na meyɛɛ eyinom nyina?’

51 “Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan. 52 Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no akum no. 53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no nanso moanni so.”

Wosiw Stefano abo

54 Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye. 55 Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa n’ani so hwɛɛ soro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56 Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”

57 Wɔteɛteɛɛm de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so, 58 twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.

59 Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” 60 Afei obuu nkotodwe teɛɛm dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne firi wɔn!” Ɔkaa saa wiei no, owui.