Add parallel Print Page Options

Kristo ahobrɛase

Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne dɔ kyekye mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho anaa? Sɛ ɛte saa de a, ɛnne munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu na m’anigye awie pɛyɛ.

Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. Mommma obiara nnnwen ne nko ara n’ade ho na mmom, onnwen n’afɛfo nso de ho bi.

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Ɔdanee ne tumi kɛse ne n’anuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, bae sɛ onipa bɛyɛɛ n’ade sɛ onipa. Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie, de koduu owu mu, asɛnnua ho wu mu mpo.

Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ beae a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so. 10 Na ɛno nti, sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no. 11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.

Nkwagye ho adwumayɛ

12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi, ɛsɛ sɛ mutie me ara nen. Monkɔ so mfa ahopopo ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, 13 efisɛ, Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ n’ani.

14 Dwuma biara a mubedi no, munnnwiinwii na munnnye ho akyinnye 15 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnka biribi ntia mo na mobɛyɛ kronn sɛ Onyankopɔn mma pa a wɔte wiase a nkontonpofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ ma tɔ no mu. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo Da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara nen, efisɛ, ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ kwa. 17 Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde ne ɔsom a efi mo gyidi mu. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm na me ne mo nyinaa na enya saa ahosɛpɛw no. 18 Saa kwan koro no ara so na ɛsɛ sɛ mo nso mo ani gye na mo ne me nya ahosɛpɛw.

Wɔsoma Timoteo ne Epafrodito

19 Anidaso a mewɔ Awurade Yesu mu no nti, metumi asoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21 Mo mu biara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. 22 Mo ankasa mudi ho adanse sɛ, wakyerɛ mu a odi; wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne n’agya a wɔaka abom adi Asɛmpa no ho dwuma. 23 Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no wɔ mo nkyɛn. 24 Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara m’ankasa mɛba mo nkyɛn.

25 M’adwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na wadi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw no nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ, wamma manni awerɛhow.

28 Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye bio na me nso m’awerɛhow to atwa. 29 Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30 efisɛ, ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.