Add parallel Print Page Options

Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Eye ma mo akwankyerɛ.

Hwɛ atoro akyerɛkyerɛfo yiye

Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa ne ho sie no yiye. Ɛyɛ yɛn na ɛnyɛ wɔn na yɛagye twetiatwa ato mu, efisɛ, yɛnam Onyankopɔn Honhom so som no na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti, yenya ahosɛpɛw. Yɛmfa yɛn ho nto amanne so.

Sɛ obi wɔ hɔ a odwen sɛ sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a, anka ɛyɛ me. Bere a midii nnawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi m’awosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ Mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛnne na me ho nni mfomso biara.

Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no esiane Kristo nti, ayɛ adehwere. Ɛnyɛ ɛno nko, na migye midi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ m’awurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo, na wo ne no ayɛ baako. Afei meremfa m’ahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ, pɛyɛ a efi Mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem. 10 Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu suahu, na mahu n’amane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu, 11 a mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi, wɔbɛma me asɔre afi owu mu.

Botae no ho kɔ

12 Menka se madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Merebɔ ho mmɔden sɛ medi nkonim a ka a Kristo aka me abata ne ho no nti, wadi ama me no.

13 Nanso anuanom, minnye nni sɛ madi saa nkonim no. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi m’akyi na meyere me ho sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ m’anim no ho. 14 Eyi nti, mitu mmirika kɔ m’anim tee na madu soro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.

15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwen saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16 Momma yɛnkɔ so nni mmara a yɛnam so abɔ yɛn bra abesi nnɛ no so.

17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asɛnnua no ho no atamfo. 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho. 20 Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi soro bɛba no. 21  Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ n’ase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.