Add parallel Print Page Options

Mmara ne nkyia

13 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu. Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim. Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehu saa amane no.

Mo nyinaa munni aware ni na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokware, efisɛ, Onyankopɔn bebu aguamanfo ne awaresɛefo atɛn.

Munyi sikanibere mfi mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ nea mo nsa ka. Efisɛ Onyankopɔn aka se, “Merennyaw wo, na merennyaw wo da.” Momma yensi yɛn bo nka se, “Awurade ne me boafo, merensuro. Ɛdɛn na onipa betumi ayɛ me?”

Monkae mo mpanyimfo a wodii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɔkwan a wɔfaa so tenaa ase ne sɛnea wowui na munsua wɔn gyidi no.

Yesu Kristo te saa ara nnera, nnɛ, ne daa nyinaa. Mommma nkyerɛkyerɛ foforo biara nntwe mo mmfi kwan pa so. Eye sɛ Onyankopɔn adom nti, yɛn kra benyin ahoɔden so a, emfi aduan ho mmara a yedi so so. Wɔn a wodi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara.

10 Asɔfo a na wɔsom wɔ Yudafo ntamadan mu no nni ho kwan sɛ wodi afɔrebɔde no bi wɔ afɔremuka no so. 11 Yudafo sɔfo panyin no de mmoa no mogya ba Kronkronbea hɔ de bɛbɔ bɔne afɔre nanso wɔhyew mmoa no funu wɔ beae no akyi baabi. 12 Eyi nti, Yesu nso wui wɔ kurow no pon akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ɔno ara ne mogya bɛpopa nnipa bɔne.

13 Momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ beae no akyi nkogye animguase no bi. 14 Efisɛ, yenni atenae a ɛwɔ hɔ daa wɔ asase yi so. Yɛrehwehwɛ kurow a ɛrebɛba no akyi kwan.

15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa sɛ yɛn afɔrebɔde. 16 Mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, efisɛ, ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

17 Muntie mo mpanyimfo na munni wɔn asɛm so. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn adwuma ho akontaa nti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. Sɛ mutie wɔn a, wɔde anigye bɛyɛ wɔn adwuma. Sɛ anyɛ saa a, wɔde awerɛhow bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo. 18 Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn. Yenim pefee sɛ yɛwɔ adwene a emu da hɔ, efisɛ, yɛpɛ sɛ bere biara, yɛyɛ ade a eye. 19 Na mebɔ mpae kɔ so srɛ mo sɛ, mommɔ mpae na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

20 Onyankopɔn anyan yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ oguanhwɛfo panyin no afi awufo mu ama yɛn na ɛnam ne wu no so nti, wɔasɔw daa apam no ano ama yɛn. 21 Asomdwoe Nyankopɔn mma mo nea ehia mo nyinaa na monam so ayɛ n’apɛde na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛnea ɛsɔ ani. Anuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

22 Anuanom, mesrɛ mo sɛ, monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ, saa krataa a makyerɛw mo yi nyɛ tenten biara. 23 Mepɛ sɛ mebɔ mo amanneɛ sɛ wayi yɛn nua Timoteo afi afiase. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

24 Yekyia mpanyimfo no ne Onyankopɔn nkurɔfo no nyinaa. Anuanom a wɔwɔ Italia no kyia mo.

25 Adom nka mo nyinaa.