Add parallel Print Page Options

Momma yennyae Kristo ho nsɛm mfitase no, na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Mommma yɛnntow ahonu a efi nneyɛe a ɛde kɔ owu mu ne Onyankopɔn mu gyidi no ho, ne asubɔ ne nsa a wɔde gu nnipa so ne awufo sɔre ne daa atemmu no fapem no nngu.

Momma yɛnkɔ anim. Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, saa ara na yɛbɛyɛ.

Ɔpo ho amanehunu

Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu. Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu mfe a ɛreba no mu tumi. Ɛno akyi, wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ, wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asɛnnua mu nam so agu n’anim ase akyerɛ.

Onyankopɔn hyira asase a ɛnom nsu a ɛtɔ gu so na ɛma ɛso afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no. Na sɛ nsɔe ne wura hunu fifi so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.

Nanso, me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba. 10 Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a woyɛe anaa ɔdɔ a wodaa no adi maa no ne mmoa a wode boaa w’afɛfo Kristofo na wugu so de boa wɔn no. 11 Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛtoa ne mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no. 12 Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ gyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.

Abraham so nhwɛso

13 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no. 14 Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama w’ase adɔ.” 15 Na Abraham wɔ boasetɔ nti, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no, ne nsa kae.

16 Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam. 17 Onyankopɔn pɛe sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no sɛ ɔrensesa n’atirimsɛm nti, ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no den.

18 Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa a Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenkita yɛn anidaso no mu dennen na yɛatumi adu saa anidaso no ho.

19 Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ sɛkyɛ wɔ yɛn koma mu. Etim hɔ na ɛhyɛn mu de kosi ntwamtam no mu. 20 Yesu asi yɛn ananmu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ ɔsɔfo panyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfo kwan nhyehyɛe te no.