Add parallel Print Page Options

Honhom Kronkron no akyɛde

12 Me nuanom, merebɛkyerɛ mo nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron no akyɛde no mu. Anuanom, mepɛ sɛ muhu nokware no. Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no na ahoni a awuwu na edi mo so de mo kɔ bɔne mu. Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a Onyankopɔn Honhom nkyerɛ no kwan no ka se, “Nnome nka Yesu!” Na wɔn mu biara ntumi nsi no pi sɛ, “Yesu yɛ Awurade,” gye sɛ Honhom Kronkron no kyerɛ no kwan.

Ɛwom sɛ Honhom Kronkron no ara na ɛkyɛ akyɛde no, nanso saa akyɛde no gu ahorow. Akwan horow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no. Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som nanso Onyankopɔbn koro no ara na ɔma obiara tumi ma wɔde som. Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi ɔkwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa.

Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɛma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. 10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɛma otumi ka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɛma no tumi ma otumi kyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɛma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase. 11 Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɛyɛ eyinom nyinaa; akyɛde horow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no.

Nipadua koro

12 Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwom sɛ ɛwɔ akwaa bebree nanso ɛyɛ nipadua koro no ara. 13 Wɔnam saa kwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne Amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn sɛ yɛnnom.

14 Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree. 15 Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ nipadua no fa bi. 16 Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ nipadua no fa bi. 17 Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahu ade?

18 Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii. 19 Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn? 20 Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow nanso nipadua no yɛ baako pɛ.

21 Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!”

22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ ye. 23 Akwaa a yesusuw sɛ ɛho nhia pii no mmom na yɛhwɛ no yiye na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara. 24 Na akwaa a ɛsom bo no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam kwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a ɛnna adi kɛse no anuonyam. 25 Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bom. 26 Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa.

27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara yɛ n’akwaa. 28 Onyankopɔn ahyehyɛ biribira pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Nea edi kan, asomafo; nea ɛto so abien,adiyifo; nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo; afei wɔn a wɔyɛ anwonwade ɛnna wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yare anaa wɔboa afoforo anaa wɔkyerɛ wɔn kwan anaa wɔka kasa foforo. 29 Wɔn nyinaa nyɛ asomafo anaa adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwonwade 30 anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforo anaa wɔkyerɛ nea wɔka no ase. 31 Monhwehwɛ akyɛde akɛse akyi kwan. Mɛkyerɛ mo kwan foforo aka eyinom ho.