Add parallel Print Page Options

Ayamye

Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahorow mu. Wɔnam sɔhwɛ ahorow a ɛtoo wɔn a wodii saa sɔhwɛ no so no asɔ wɔn ahwɛ pa ara. Nanso na wɔn ani gye wɔn ho tumi fi wɔn hia mu yɛ adɔe ma ɛboro so. Midi ho adanse sɛ wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fi wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no na wɔnkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi. Nanso wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wofi Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se, ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. Moyɛ adefo wɔ nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa mu, ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu.

Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ pa ara anaa.

Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo nti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefo.

10 M’adwene a mewɔ wɔ asɛm no ho ni: Eye sɛ mprempren ara mubewie nea mufitii ase afe a etwaam no. Ɛnyɛ sɛ mudii kan dii dwuma nko na mmom sɛ munyaa ɔpɛ no sɛ mobɛyɛ. 11 Monkɔ so na munwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo sɛ mobewie te sɛ nea morefa ho adwene de nea mowɔ ayɛ. 12 Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye na ɛnyɛ nea wunni so.

13 Merennye nkurɔfo adesoa mmegu mo so na mmom esiane sɛ mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wonni bi no. 14 Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa yɛ pɛ. 15 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya dodow na onipa a ɔboaboaa kakraa bi ano no annya kakraa bi koraa.”

16 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito ho pere no sɛ yɛn ara wɔ mmoa a yɛpɛ sɛ yɛde boa mo no ho. 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisade so nko na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu pɛe sɛ ɔboa nti na osii n’adwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no. 18 Yɛresoma onua bi a wobu no wɔ asɔre horow no nyinaa mu wɔ asɛnka no ho no aka ne ho. 19 Ɛno akyi asɔre horow no ayi no sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa.

20 Yɛhwɛ yɛn ho so yiye sɛ asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho. 21 Yɛn botae ne sɛ, yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim.

22 Enti yɛresoma yɛn nuabarima aka wɔn ho. Yɛasɔ no akwan horow bebree so ahwɛ na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren a wanya mo mu ahotoso yi, ɛbɛma ne ho apere no sɛ ɔbɛboa. 23 Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam. 24 Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no, yɛ nokware.