Add parallel Print Page Options

Yesu kyerɛ mpaebɔ

11 Da bi na Yesu rebɔ mpae wɔ baabi. Owiei no, n’asuafo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ sɛnea Yohane kyerɛɛ n’asuafo mpaebɔ no.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ morebɔ mpae a, monka se, ‘Agya, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. Ma yɛn yɛn ano aduan daa. Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn sɛnea yɛn nso, yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no. Na nnyaa yɛn mma yɛnnkɔ sɔhwɛ mu.”

Yesu bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔbɛkɔ ne yɔnko hɔ dasum akɔka akyerɛ no se, ‘Me nua, fɛm me aduan kakra, efisɛ, ɔhɔho bi abefi me mu, na minni aduan biara a mede bɛma no,’ na ɔbɛma no mmuae afi ne dan mu se, ‘Nhaw me! Mato me pon mu ne me mma ada. Merentumi nsɔre mma wo biribiara.’

“Mereka akyerɛ mo se, na ade asa no nti, ɔyɛ ne yɔnko koraa mpo a, ɔrensɔre. Nanso esiane sɛ ɔkɔɔ so srɛɛ no no nti, ɛbɛma wasɔre ama no nea ehia no no nyinaa.

”Ɛno nti mereka akyerɛ mo se; Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ na mubehu; mompem na wobebue mo. 10 Na obiara a obisa no, wɔma no; na obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.

11 “Agya bɛn na ɔwɔ mo mu na ne ba bisa no abodoo a ɔbɛma no ɔbo, 12 anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ, anaasɛ obisa nkesua a ɔbɛma no ankaadweaa? 13 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron no mma wɔn a wobisa no no!”

Yesu ne Beelsebul

14 Bere bi Yesu tuu hohommɔne bi a ɛyɛ mumu fii onipa bi mu. Hohommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasae ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no nyinaa ahodwiriw. 15 Nanso ebinom kae se, “Ɔnam ahohommɔne panyin Beelsebul tumi so na etu ahohommɔne.” 16 Afoforo nso pɛe sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi a efi soro nkyerɛ wɔn.

17 Nanso ohuu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Kurow biara a emu akyekyɛ no dan amamfo. Saa ara nso na ofi biara a emu kyekyɛ no gu. 18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahohommɔne. 19 Na sɛ menam Beelsebul tumi so na mitu ahohommɔne a, hena so na mo nkurɔfo nam tu ahohommɔne? Saa na ɛte de a, mo nkurɔfo no ara na wobebu mo atɛn. 20 Nanso sɛ menam Onyankopɔn tumi so na etu hohommɔne de a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba mo so.

21 Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia n’agyapade; 22 nanso sɛ nea ne ho yɛ den na ɔwɔ akode pa sen no kɔ ne so a, odi ne so nkonim, gye n’akode a ɔde ne ho too so no, sesaw n’agyapade no nyinaa kɔ.

23 “Obiara a onni m’afa no tia me, na nea ɔne me mmoaboa ano no, hwete mu.

24 “Sɛ wotu hohommɔne fi onipa bi mu a, ekyinkyin hwehwɛ homebea nanso ennya bi. Na sɛ wannya homebea a, ɔka se, ‘Mɛsan makɔ onipa a mifi ne mu bae no mu bio.’ 25 Na sɛ ɔsan kɔ onipa no mu a, obehu sɛ ɛhɔ tew a efi biara nni mu na biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. 26 Afei ɔsan n’akyi kɔfa ahohommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena hɔ. Eyi ma onipa no sɛe koraa sen sɛnea anka na ɔte kan no.”

Ade a ɛho hia

27 Yesu gu so rekasa no, ɔbea bi fi nnipakuw no mu kae se, “Nhyira nka yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumuu ano!” 28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛwom de, nanso nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so.”

Yudafo bisa nsɛnkyerɛnne

29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se,”Nnɛɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no. 30 Na sɛnea Yona yɛe no yɛɛ nsɛnkyerɛnne maa Niniwefo a, saa ara na Kristo nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama nnɛɛmma yi.

31 “Atemmuda no, Sheba hemmea ne nnɛɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ, ofi asase ano nohoɔ betiee Salomo nyansa nsɛm. Nanso nea ɔsen Salomo no wɔ ha.

32 “Atemmuda no, Niniwe mmarima ne nnɛɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ, bere a Yona kaa asɛmpa no wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.

Kanea adwuma

33 “Obiara nsɔ kanea mfa nsie, na mmom, ɔde si petee mu na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no nyinaa. 34 W’ani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ, w’ani ye a, na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a ɛma wo nipadua no dan sum tumm. 35 Enti hwɛ yiye na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. 36 Sɛ wo nipadua yɛ hann a esum nni fa baabiara a, nipadua no bɛhyerɛn sɛnea kanea hyerɛn gu wo so.”

Farisini bi fi adidi

37 Yesu kasa wiei no, Farisini bi hyiaa no adidi enti ɔkɔe sɛ ɔne no rekodidi. 38 Farisini no hui sɛ Yesu anhohoro ne nsa ansa sɛnea wɔn amanne kyerɛ ansa na ɔredidi no, ɛyɛɛ no nwonwa.

39 Yesu huu Farisini no adwene ka kyerɛɛ no se, “Mo Farisifo de, mohohoro nkuku ne nsanka ho nanso efi, anibere ne nnebɔne ahyɛ mo mu ma tɔ. 40 Adweneharefo! Ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyiri no ara na ɔyɛɛ emu nso? 41 Monyɛ ahiafo adɔe na biribiara ho bɛtew ama mo.

42 “Mo Farisifo, munnue! Moma mo nnɔbae so ntotoso du du nanso mototo adetreneeyɛ ne ɔdɔ a mode dɔ Onyankopɔn no ase. Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. Saa ara nso na sɛ mokɔ bagua mu a, mopɛ sɛ nnipa hu mo kyia mo.

43 “Mo Farisifo, munnue! Sɛ mokɔ hyiadan mu a, mpanyin tenabea na mopɛ. 44 Munnue! Efisɛ, mote sɛ adamoa a ɛso asram na nnipa nantew so a wonnim sɛ wɔnam adamoa so.”

45 Mmaranimfo no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, sɛ woka saa a na woakasa atia yɛn nso.”

46 Yesu buaa no se, “Mo mmaranimfo nso, munnue! Mohyɛ nnipa ma wodi mmara so pɛpɛɛpɛ nanso mo de, munni so sɛnea ɛsɛ. 47 Munnue! Efisɛ, moatoto adiyifo a mo ankasa anaa mo agyanom kum wɔn no ada so. 48 Mo nneyɛe yi di adanse sɛ mopene nea mo agyanom yɛe no so. N’asekyerɛ ne sɛ, mo agyanom kunkum adiyifo no na mo nso mototoo wɔn ada so maa wɔn.

49 “Eyi ne nea Onyankopɔn aka afa mo ho: “Mɛsoma adiyifo ne asomafo aba mo nkyɛn na mobekunkum bi na moataa wɔn a aka no.’

50 “Mereka akyerɛ mo se, adiyifo no mogya a wɔka gui fi wiase mfitiase no, 51 efi Habel kum so kosi Sakaria a, wokum no wɔ afɔremuka ne kronkronbea ntam hɔ no so, wobebisa ɛho asɛm afi mo nkyɛn.

52 “Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na momma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”

53 Ofi Farisini no fi hɔ a ɔrekɔ no, mmaranimfo ne Farisifo no dii n’akyi de nsɛmmisa guan ne ho 54 pɛe sɛ ɔka biribi a wobegyina so anya no akyere no.