Add parallel Print Page Options

Owusɔre

16 Ade kyee a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo ne na Maria kɔtɔɔ nnuhuam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.

Da a edi nnawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɛda no so. Wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔredwen nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɛda no ano no ho.

Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kokuroko no afi ɛda no ano. Wɔkɔɔ ɛda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ birim. Nanso, aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasaretni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na mohwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toe hɔ! Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ n’asuafo no ne Petro se, “Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’“

Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Maria Magdalene

Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahohommɔne ason fii ne mu no. 10 Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu. 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ asuafo baanu

12 Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfitiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ, na wasesa. 13 Akyiri yi a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.

14 Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkae se wasɔre no anni no ho.

Asomafo no asɛmpaka

15 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa. 16 Na obiara a ogye di ma wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.

17 “Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo. 18 Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”

Yesu sorokɔ

19 Awurade Yesu ne wɔn kasa wiei akyi no, wɔfaa no kɔɔ soro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.

20 Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no den.

Jesus Has Risen(A)

16 When the Sabbath was over, Mary Magdalene, Mary the mother of James, and Salome bought spices(B) so that they might go to anoint Jesus’ body. Very early on the first day of the week, just after sunrise, they were on their way to the tomb and they asked each other, “Who will roll the stone away from the entrance of the tomb?”(C)

But when they looked up, they saw that the stone, which was very large, had been rolled away. As they entered the tomb, they saw a young man dressed in a white robe(D) sitting on the right side, and they were alarmed.

“Don’t be alarmed,” he said. “You are looking for Jesus the Nazarene,(E) who was crucified. He has risen! He is not here. See the place where they laid him. But go, tell his disciples and Peter, ‘He is going ahead of you into Galilee. There you will see him,(F) just as he told you.’”(G)

Trembling and bewildered, the women went out and fled from the tomb. They said nothing to anyone, because they were afraid.[a]


[The earliest manuscripts and some other ancient witnesses do not have verses 9–20.]

When Jesus rose early on the first day of the week, he appeared first to Mary Magdalene,(H) out of whom he had driven seven demons. 10 She went and told those who had been with him and who were mourning and weeping. 11 When they heard that Jesus was alive and that she had seen him, they did not believe it.(I)

12 Afterward Jesus appeared in a different form to two of them while they were walking in the country.(J) 13 These returned and reported it to the rest; but they did not believe them either.

14 Later Jesus appeared to the Eleven as they were eating; he rebuked them for their lack of faith and their stubborn refusal to believe those who had seen him after he had risen.(K)

15 He said to them, “Go into all the world and preach the gospel to all creation.(L) 16 Whoever believes and is baptized will be saved, but whoever does not believe will be condemned.(M) 17 And these signs(N) will accompany those who believe: In my name they will drive out demons;(O) they will speak in new tongues;(P) 18 they will pick up snakes(Q) with their hands; and when they drink deadly poison, it will not hurt them at all; they will place their hands on(R) sick people, and they will get well.”

19 After the Lord Jesus had spoken to them, he was taken up into heaven(S) and he sat at the right hand of God.(T) 20 Then the disciples went out and preached everywhere, and the Lord worked with them and confirmed his word by the signs(U) that accompanied it.

Footnotes

  1. Mark 16:8 Some manuscripts have the following ending between verses 8 and 9, and one manuscript has it after verse 8 (omitting verses 9-20): Then they quickly reported all these instructions to those around Peter. After this, Jesus himself also sent out through them from east to west the sacred and imperishable proclamation of eternal salvation. Amen.