Add parallel Print Page Options

Awaregyae ho asɛmmisa

10 Afei, Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ asubɔnten Yordan agya. Na sɛnea ɛtaa ba no, nnipakuw baa ne nkyɛn ma ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so anaa?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.

Yesu nso bisaa wɔn se, “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”

Wobuae se, “Mose kae se eye sɛ wogyae aware. N’asɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a, ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”

Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. Nanso, eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfitiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu. Eyi nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam koro. Na nea Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”

10 Akyiri yi a ɔne n’asuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio.

11 Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere na ɔsan ware obi foforo a, na wabɔ aguaman. 12 Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware, na ɔsan ware a, ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”

Yesu hyira mmofra nkumaa

13 Da bi, awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ onhyira wɔn, nanso n’asuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no.

14 Yesu huu nea n’asuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea. 15 Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, rentumi nkɔ mu.”

16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.

Aberante sikani no

17 Na osiim sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

18 Yesu bisaa no se, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa pa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19 Ɛfa w’asemmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: Nni awu, nsɛe aware, mmɔ korɔn, nni atoro, nsisi, di w’agya ne wo na ni.”

20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.”

21 Yesu hwɛɛ aberante yi dinn nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro, na bra bedi m’akyi.”

22 Aberante no tee saa asɛm yi no, n’anim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ, na ɔwɔ ahonyade bebree.

23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu!”

24 Asɛm a Yesu kae no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu? 25 Na ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bɛfa paane tokuru me sen sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”

26 Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoro so na wobisaa no se, “Ɛnne na hena na wobegye no nkwa?”

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, eyi rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”

Yesu akyidi mu akatua

28 Afei, Petro fitii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi no. Ɔkae se, “Yɛagyaw biribiara abedi w’akyi.”

29 Yesu nso buaa no se, “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a, me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30 na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! “Eyinom nyinaa bɛyɛ ne de wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei. 31 Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”

Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abien

32 Afei, wosiim sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di n’akyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a, sɛ wodu Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

33 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a, wobeyi me, Onipa Ba, no ama asɔfo mpanyin ne mmara no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, akum me. 34 Wobedi me ho fɛw, na wɔatetew ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me; na nnansa so no, masɔre bio.”

Yakobo ne Yohane abisade

35 Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.”

36 Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo.”

37 Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ w’ahenni mu hɔ!”

38 Nanso, Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenenwene a ɛsɛ sɛ menom ano no ano anaa? Anaasɛ, mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”

39 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo; 40 nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”

41 Asuafo a aka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisae no, anyɛ wɔn dɛ.

42 Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, 43 nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 44 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. 45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebae sɛ merebɛboa afoforo, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”

Onifuraefo bi ade hu

46 Yesu ne n’asuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwam no, na Timoteo ba Bartimeo, onifuraefo no, te kwankyɛn, resrɛsrɛ ade.

47 Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasaretni na ɔretwam no, ofitii ase teɛteɛɛm se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”

48 Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua w’ano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛm dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”

49 Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”

50 Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.

51 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!”

52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na wo gyidi agye wo.” Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.