Add parallel Print Page Options

Homeda ho asɛnka

12 Homeda bi, Yesu ne n’asuafo no kɔfaa aburowfuw bi mu. Wɔnam aburowfuw no mu no, ɔkɔm dee asuafo no ma wɔpempanee aburow no bi wee.

Farisifo bi huu nea asuafo no reyɛ no, anyɛ wɔn abodwo. Wobisaa Yesu se, “Woahu sɛ w’asuafo no abu Homeda mmara no so?”

Yesu nso bisaa wɔn se, “Monkenkanee nea ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no? Wɔkɔɔ Onyankopɔn fi kodii abodoo a wɔde abɔ afɔre a anka wonni ho kwan sɛ wodi, gye ɔsɔfo nko ara no. Ɛno nso yɛ mmara so bu.

Na monsan nkan mfii Mose mmara no mu sɛ, asɔfo a wɔyɛ asɔrefi adwuma no tumi yɛ adwuma Homeda nso? Mereka ama mo ate ase sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi no wɔ ha! Sɛ moakan, ate asɛm a ese, ‘Mmɔborɔhunu na mepɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ’ no ase yiye a, anka moremmu wɔn a wonni fɔ no fɔ. Na me, Onipa Ba no, meyɛ Homeda no wura.”

Yesu fii nea ɔwɔ hɔ kɔɔ hyiadan mu. 10 Ohuu ɔbarima bi wɔ ɔdan mu hɔ a ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, “Enti mmara ma ho kwan sɛ obi sa yare Homeda anaa?” Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ɔkwan atoto n’ano na wɔakyere no! 11 Yesu buaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako, na sɛ ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so, wobɛkɔ akoyi no. 12 Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa Homeda.” 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, “Teɛ wo nsa!” Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no, ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ sɛ baako no.

14 Farisifo no fii adi kotuu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyere Yesu, akum no, no ho agyina. 15 Esiane sɛ na onim pɔw a wɔrebɔ wɔ ne ho no nti, ofii hyiadan no mu maa nnipadɔm dii n’akyi. Ɔsaa wɔn mu ayarefo no nyinaa yare. 16 Nanso ɔbɔɔ wɔn ano sɛ wɔmmɔ n’anwonwade a ɔyɛe no ho dawuru. 17 Eyi maa nkɔm a Odiyifo Yesaia hyɛe se,

18 “Monhwɛ m’akoa a mayi no, nea medɔ no a me kra ani sɔ no; mede me honhom megu ne so. Na wabu amanaman atɛn. 19 Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm. Na obi rente ne nne abɔnten so! 20 Ɔrensɛe nea ɛyɛ mmerɛw. Ɔrempa anidaso a esua; ɔde ne nkonimdi betwa basabasayɛ nyinaa tiaa. 21 Na ne din bɛyɛ amanaman nyinaa anidaso” no, baa mu.

Farisifo ka se Yesu yɛ ɔbonsam

22 Afei wɔde obi a ɔyɛ mumu, yɛ onifuraefo, na honhommɔne nso wɔ ne so, brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade. 23 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Wɔkae se, “Gyama Yesu yi ne Agyenkwa no!”

24 Nanso Farisifo no tee anwonwade a Yesu yɛe no, wɔkae se, “Ɔnam ahonhommɔne nyinaa panyin, ɔbonsam, Beelsebul no so na etu ahonhommɔne.”

25 Yesu huu wɔn adwene maa wɔn mmuae se, “Ahemman biara a edi mpaapaemu no dan amamfo. Saa ara nso na kurow anaa ofi biara a edi mpaapaemu no ntumi nnyina. 26 Na sɛ ɔbonsam retu ɔbonsam a, na ɛkyerɛ sɛ, ɔne ne ho na ɛreko, de asɛe n’ahemman. 27 Sɛ muse menam ɔbonsam tumi so na etu ahonhommɔne a, tumi bɛn so na mo nkurɔfo gyina tu ahonhommɔne? Mo ara mo nkurɔfo mmua mfa. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne de a, na Onyankopɔn Ahenni aba mo so. 29 Obi ntumi nkɔ ɔbonsam ahemman mu nkowia no, gye sɛ, onipa ko no di kan de hama kyekyere no. Ɛno ansa na wubetumi awia no. 30 Obiara a onni m’afa no, tia me. Na nea ɔmmoa me mma me-mmoaboa ano no nso hwete mu.

31 “Mereka akyerɛ mo se, wɔde bɔne ne abususɛm nyinaa bɛkyɛ nnipa, nanso nea ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no. 32 Nea ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso, nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da biara da.

Dua ne n’aba

33 “Dua biara aba na wɔde hu ne su. Dua pa sow aba pa, na dua bɔne nso sow aba bɔne. 34 Awɔ mma! Ɛbɛyɛ dɛn na nnebɔneyɛfo sɛ mo atumi aka nea eye ho asɛm? Nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka. 35 Onipa pa anom asɛm da nnepa a ɛwɔ ne mu no adi. Saa ara na onipa bɔne nso anom asɛm da nnebɔne a ɛwɔ ne mu no adi. 36 Mereka makyerɛ mo se, atemmu da no, asɛnhunu biara a obi aka no, obebu ho akontaa. 37 W’anom asɛm so, na wɔnam bebu wo bem anaa fɔ.”

Wɔpɛ sɛ Yesu yɛ nsɛnkyerɛnne bi

38 Da bi, Yudafo mpanyimfo bi a Farisifo bi ka wɔn ho, baa Yesu nkyɛn, bɛka kyerɛɛ no se, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne bi nkyerɛ wɔn.

39 Yesu buaa wɔn se, “Ɔman a wɔyɛ nnebɔneyɛfo a wonni gyidi, na wɔpɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne. Nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara ka odiyifo Yona de no ho. 40 Na sɛnea Yona kodii bonsu yam nnansa no, saa ara na ɛsɛ sɛ onipa Ba no kodi asase mu nnansa. 41 Atemmu da no, Niniwe mmarima bɛsɔre atia nnɛɛmma yi na wɔabu mo fɔ, efisɛ, bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha, nso munnye no nni. 42 Atemmu da no, Sheba hemmea bɛsɔre atia ɔman yi, efisɛ, ofi asase ano nohɔ betiee ɔhene Solomo nyansa. Merema mo ate ase sɛ, nea ɔsen ɔhene Solomo no wɔ ha nanso, mompɛ sɛ mutie no.

43 “Saa ɔman debɔneyɛfo yi te sɛ obi a honhommɔne wɔ ne so. Sɛ honhommɔne no tu fi ne mu a, ekyinkyin, hwehwɛ homebea nanso, ennya bi. 44 Sɛ ɛba saa a, nea honhommɔne no ka ne sɛ, ‘Mɛsan makɔ onipa a mifi ne mu bae no mu bio.’ Ɔsan kɔ onipa no mu a, ohu sɛ, ne mu da mpan, na wasiesie hɔ fɛfɛɛfɛ. 45 Afei ɔsan n’akyi kɔfa ahonhommɔne afoforo ason a wɔyɛ den kyɛn no ba ma wɔn nyinaa bɛtena ne mu. Eyi ma onipa no asetena no sɛe kyɛn ne kan asetena no.”

Yesu ne ne na ne ne nuanom

46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm wɔ ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛe sɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, “Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.” 48 Yesu kae se, “Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?” 49 Ɔkaa saa wiei no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Eyinom ne me na ne me nuanom.” 50 Ɔsan kae bio se, “Obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea, ne me na.”