Add parallel Print Page Options

Afum adwumayɛ

20 Yesu san buu wɔn bɛ foforo bi se, “Ɔsoro ahenni te sɛ okuafo bi a ofii adi anɔpa bi sɛ ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛe sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.

Ankyɛ, ofii adi bio kohuu nnipa bi nso sɛ wogyinagyina hɔ a wɔnyɛ hwee, na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ n’afuw no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso se, obetua wɔn da koro adwuma so akatua. Ɔsan kɔe owigyinae ne nnɔn abiɛsa bere mu kɔbɔɔ nnipa foforo paa, ne wɔn yɛɛ nhyehyɛe koro no ara bi.

“Ɔsan fii adi bɛyɛ nnɔnum bere mu, kohui sɛ nnipa bi gyinagyina hɔ. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na da mu yi nyinaa, mugyinagyina ha a monyɛ hwee?’

“Woyii ano se, ‘Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.’ Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Ɛnne, monkɔka apaafo a wɔreyɛ adwuma wɔ m’afum no ho.’

“Eduu anwummere no, ɔfrɛɛ nea otua n’apaafo no ka no ka kyerɛɛ no se, ‘Hwɛ na tua wɔn ka fi wɔn a wɔbaa akyiri yi no so, kosi wɔn a wɔbaa kan no so.’ Apaafo a ɔfrɛɛ wɔn akyiri yi no nyinaa, otuaa wɔn da koro apaabɔde. 10 Wɔn a wɔfaa wɔn kan no nso bae. Wosusuwii sɛ wobenya sika a ɛboro wɔn a wɔfaa wɔn akyiri yi no de no so. Nanso, wɔn nso, wotuaa wɔn sɛnea wotuaa wɔn a wɔbaa akyiri yi no ara pɛ.

11 “Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔde no, anyɛ wɔn dɛ. 12 Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri yi yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa awia hyee yɛn no, woatua yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

13 ”Obuaa wɔn mu baako se, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano se, metua wo da koro adwuma so akatua anaa? 14 Fa sika a wo nsa aka no, na kɔ. Efi me pɛ mu na meretua wɔn a wɔbaa kan ne wɔn a wɔbaa akyiri yi no nyinaa ka pɛ. 15 Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ, m’ayamye nti na w’ani abere yi?”

16 Asɛm a Yesu ka de wiei ne sɛ, “Saa ara na wɔn a wodi akyiri no bedi kan, na wɔn a wodi kan no nso bedi akyiri.”

Yesu hyɛ ne wu ho nkɔm bio

17 Yesu siim sɛ ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde n’asuafo no kaa ne ho. 18 Wɔrekɔ no, ɔtwee n’asuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ. 19 Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu.”

Ɛna abisade

20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.

21 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?” Obuaa no se, “Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ w’ahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so.”

22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wunnim nea worebisa no.” Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?” Wobuaa no se, “Yebetumi!”

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso, minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a m’agya ayi wɔn no.”

24 Asuafo du a aka no tee nea Yakobo ne Yohane akobisa no, wɔn bo fuwii.

25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wodi wɔn so no nso, di afoforo so. 26 Nanso, mo de, ɛnte saa wɔ mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo. 27 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin a, ɛsɛ sɛ ɔsom wɔn sɛ akoa. 28 Monhwɛ me, na munsua me. Me a meyɛ Agyenkwa no, mamma sɛ wɔnsom me, na mmom, mebɛsomee, na mede me kra ato hɔ ama nnipa bebree.”

Anifuraefo baanu hu ade

29 Yesu ne n’asuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi.

30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tetee. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwam no, wɔteɛteɛɛm se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

31 Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛm se, “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”

32 Yesu duu nea wɔtetee hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”

33 Wɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!”

34 Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ, wohuu ade, na wodii n’akyi.