Add parallel Print Page Options

Owusɔre

28 Homeda a ɛyɛ Kwasida ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.

Amonom, asase wosowee dennen; na Awurade bɔfo sian fi soro bae, bepirew ɔbo no fii ɛda no ano, na ɔtenaa so. N’anim hyerɛn te sɛ kanea na n’atade yɛ fitaa te sɛ nwera. Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufo. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, “Munnsuro! Minim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnuam no, nanso, onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no. Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no se, ‘Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo wɔ hɔ.’ Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo.”

Mmea no de hu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, “Asomdwoe nka mo.” Wobuu no nkotodwe, som no.

10 Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se, wɔnkɔ Galilea nkohyia me wɔ hɔ.”

Nea awɛmfo no kae

11 Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12 Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae sɛ, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13 se, “Monka se, ‘Anadwo a yɛdae no, na n’asuafo no ba bewiaa amu no de kɔe.’ “

14 Wɔhyɛɛ awɛmfo no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.”

15 Eyi nti, awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye di de besi nnɛ.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ n’asuafo no

16 Afei, asuafo dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wobehu no wɔ so no so. 17 Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nan so, na wɔn mu bi nnye nni sɛ ɛyɛ Yesu.

18 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20 na monkyerɛkyerɛ wɔn se, wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”