Add parallel Print Page Options

Papayɛ ho kɔkɔbɔ

“Monhwɛ yiye na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa amfa ampɛ anuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morenya mfaso biara mfi mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuru sɛnea wɔn a wɔyɛ huuhuu yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nnhu. Mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nnhu, na w’agya a onim kokoam nsɛm nyinaa no betua wo ka.

Mpaebɔ ho kɔkɔbɔ

“Ɛfa mpaebɔ ho nso, sɛ morebɔ mpae a, mommmɔ mpae sɛnea wɔn a wɔyɛ huuhuu gyina asɔredan mu ne mmɔnten so bɔ mpae de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. Sɛ wopɛ sɛ wobɔ mpae a, kowura wo dan mu, na to wo pon mu, na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a onim kokoam nsɛm no, betua wo ka.

“Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa bebree, ntitititi nsɛm mu, nnsusuw sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn betie mo. Mo agya Nyankopɔn nim nea ehia mo nyinaa ansa na mubisa no.

“Enti saa ɔkwan yi so na momfa mmɔ mpae: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. 10 W’ahenni mmra. Nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn, yɛn daa aduan nnɛ, 12 na fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka. 13 Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn fi ɔbɔnefo no nsam. Amen.” 14 Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso firi wɔn a, mo nso mo soro agya de mo mfomso befiri mo. 15 Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomso amfiri wɔn a, mo soro agya no nso remfa mo mfomso mfiri mo.

Mmuadadi ho kɔkɔbɔ

16 “Sɛ mudi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ, sɛnea nyaatwomfo di mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim anuonyam no. Merema mo ate ase sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw. 17 Sɛ wudi mmuada a, srɛn wo ti, na hohoro w’anim, na ma w’anim nyɛ frɔmm, 18 na mma nnipa nnhu sɛ woredi mmuada, gye w’agya a ohu nea wɔyɛ wɔ kokoam nyinaa no; na w’agya a ohu nea wɔyɛ wɔ kokoam nyinaa no betua wo ka.

19 “Monnhyehyɛ mo agyapade wɔ asase yi so nea ntɛferɛw betumi awe, na ebetumi agye nkanare asɛe, na akorɔmfo betumi awia. 20 Mmom, monhyehyɛ mo agyapade wɔ soro, nea ntɛferɛw ntumi nwe, na entumi nnye nkanare nsɛe, na akorɔmfo ntumi nwia. 21 Na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.

22 “Aniwa yɛ onipa kanea. Ɛno nti sɛ w’aniwa ye a, na wo nipadua nyinaa yɛ hann. 23 Nanso, sɛ w’aniwa nye a, ɛma wo nipadua no nyinaa dan sum tumm. Enti sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum de a, na wo nipadua no yɛ sum kabii.

24 “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtan ɔbaako na wadɔ ɔbaako; anaasɛ ɔde ne ho bɛfam ɔbaako na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahode.

25 “Eyi nti na mitu mo fo sɛ, munnnwinnwen nea mubedi, anaa nea mobɛnom, anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi, nea mobɛnom, ne nea mubefura. 26 Monhwɛ wim nnomaa, wonnua aba, ɛnna wontwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo agya a ɔwɔ soro no ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn anaa? 27 Mo mu hena na adwene a odwen no betumi ato ne nkwanna so simma baako?

28 “Adɛn nti na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ afifide bi sɛ wuram nhwiren. Wonnwen ntama ho. 29 Nanso, ɔhene Salomo ahonya ne n’anuonyam nyinaa akyi no, na n’ahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi. 30 Na sɛ Onyankopɔn tumi fura afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ ntama a, mo a mo gyidi sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo nea ehia mo?

31 “Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen aduan ne ntama ho, sɛ wɔn a wɔn gyidi sua. Wɔn a wɔn gyidi sua no na bere biara wodwen saa nneɛma no ho. 32 Na mo de, mo agya a ɔwɔ soro no nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo. 33 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan, na ɔde nea ehia mo nyinaa bɛka mo ho.

34 “Enti munnnwinnwen ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de nea ehia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.