Add parallel Print Page Options

Ɔbɔadeɛ ayeyi

104 Me kra, kamfo Awurade! O Awurade, me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse! Wohyɛ tumi ne anuonyam mu. Wode hann akata wo ho. Wotrɛw ɔsoro mu te sɛ ntama, na wusii wo fi wɔ nsu ani. Wode omununkum yɛɛ wo teaseɛnam na wotenaa mu wɔ mframa ntaban so. Wode mframa yɛɛ w’asomafo, na anyinam gya a ɛpa no yɛɛ w’asomfo.

Wode asase asi ne fapem so dennen na ɛrentwe ne ho da. Wode ɛpo too so sɛ atade na nsu no kataa mmepɔw so. Wokaa nsu no anim no, wɔyerae; wɔtee wo nne nteɛm so no, woguanee. Wɔteɛ faa mmepɔw so koguu abon mu kɔɔ baabi a na wɔasiesie ama wɔn. Wotoo ɔhye a na wontumi ntra na wɔammɛka asase so nyinaa bio.

10 Womaa nsuwa teɛ faa abon mu ɛnna nsubɔnten nso faa mmepɔw ntam. 11 Ɛyɛɛ beae a wuram mmoa kɔnom nsu; ɛhɔ na akwaku kokum wɔn sukɔm. 12 Nnua a ɛbɛn hɔ no so na nnomaa yɛɛ wɔn birebuw too nnwom. 13 Wotɔɔ nsu fi soro guu mmepɔw so na wo nhyira buu so wɔ asase so. 14 Womaa sare nyinii maa anantwi, na afifide nso, wobɔ maa onipa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adua nnɔbae, 15 na wayɛ nsa na ne ho atɔ no. Womaa no ngo nso, na wayɛ wɛwɛ ɛne abodoo a ɛbɛma no ahoɔden. 16 Sida a ɛwɔ Lebanon no nso nya nsu bebree. Awurade no ankasa nnua a oduae. 17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn birebuw na asukɔnkɔn nso ayɛ wɔn birebuw wɔ ɔpopaw nnua so. 18 Wuram mmirekyi tena mmepɔw atenten so, na amoakua atena abotan mu.

19 Wobɔɔ ɔsram sɛ ɔnhyɛ abosom agyirae; owia nim bere a ɔkɔtɔ. 20 Wo na wobɔɔ anadwo na ne sum mu na nkekaboa pue. 21 Gyata mma pɔ so bere a wɔreyɛ ha apɛ aduan a Onyankopɔn asiesie ama wɔn. 22 Na sɛ owia pue a, wɔsan kɔhyehyɛ wɔn amoa mu. 23 Afei nnipa kɔ wɔn nnwuma so kɔyɛ aduwma ara kɔsi anwummere. 24 Awurade, woayɛ nneɛma bebree! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; w’abɔde ahyɛ asase so ma.

25 Ɛpo da hɔ tɛtrɛɛ a abɔde akɛse ne nketewa ahyɛ no ma. 26 Ahyɛn fa so, na bonsu nso goru mu. 27 Wɔn nyinaa dan wo sɛ woma wɔn aduan bebree a wɔhwehwɛ. 28 Wode ma wɔn na wodi. Woma wɔn aduan na wɔn ani sɔ.

29 Wodan w’akyi kyerɛ wɔn a, wɔbɔ hu. Sɛ wugye wɔn home a, wowuwu san kɔ mfutuma a wofi mu bae no mu.

30 Sɛ woma wɔn ahome a, wɔba abɔde mu; woma asase nkwa foforo. 31 Awurade anuonyam ntena hɔ daa daa. Awurade ani nnye nea wayɛ no ho! 32 Ɔhwɛ asase na ɛpopo; ɔka mmepɔw na wusiw fi mu ba.

33 Mete ase yi, mɛto dwom mama Awurade; mewɔ hɔ yi mɛto ayeyi dwom mama me Nynakopɔn. 34 N’ani nnye me dwom no ho efisɛ, m’anigye fi ne nkyɛn. 35 Ma wɔnsɛe nnebɔneyɛfo asase so; ma amumɔyɛfo ase nhyew. Me kra, kamfo Awurade! Munyi Awurade ayɛ!