Add parallel Print Page Options

Ɔhaw mu anwiinwii

109 Mekamfo wo, Onyankopɔn; nyɛ komm! Amumɔyɛfo ne atorofo aba me so. Wɔka atorosɛm fa me ho, na wɔka bɔne fa me ho, taa me so kwa. Ɛwom sɛ medɔ wɔn, bɔ mpae ma wɔn, nanso wotia me. Papa a meyɛ no, wɔde bɔne tua me so ka, na ɔdɔ a medɔ wɔn no, wɔde ɔtan tua me so ka.

Hwehwɛ ɔtemmufo bɔne na onni me tamfo asɛm, na ma ɔno ara n’atamfo no mu baako nkasa ntia no. Ma wonni n’asɛm na wommu no fɔ; ne mpaebɔ mpo, ma wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudi! Ma ne nkwa nna to ntwa; ma ɔfoforo nyɛ n’adwuma! Ma ne mma nyɛ nnyanka na ne yere nyɛ okunafo. 10 Ma ne mma nyɛ adesrɛfo a wonni baabi te; ma wɔmpam wɔn mfi amamfo a wɔte hɔ no. 11 Ma n’adefirifo mmɛsesaw n’agyapade nyinaa, na ma amamfrafo nya dwuma biara a odii ho mfaso. 12 Mma obiara nnhu no mmɔbɔ. Mma obiara nnhu nnyanka a ogyaw wɔn akyiri no nso mmɔbɔ. 13 Ma n’asefo nyinaa nwuwu na ma wɔn werɛ mfi ne din wɔ nkyirimma a wɔreba no mu. 14 Awurade, nkae n’asefo na wɔmmfa ne na bɔne mmfiri no da biara da. 15 Awurade nkae wɔn bɔne daa na wɔn de, ɛnsɛ sɛ obiara kae wɔn da biara da.

16 Saa onipa no annwene atirimɔmmerɛw ho; ɔtaa ahiafo, mmɔborɔfo ne wɔn a wonni aboafo kum wɔn. 17 Ɔpɛɛ nnome, enti wɔnnome no! Na onhyira, enti obi nso renhyira no! 18 Na ɔdome te sɛ nea ɔrehyɛ atade, enti ɔno ara ne nnome no nnonom nkɔ ne nipadua mu sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo!

19 Ma wɔnkata ne ho sɛ ntade na entwa ne ho nhyia sɛ abɔso! 20 Awurade, twe m’atamfo aso saa kwan no so, wɔn a wɔka nsɛmmɔne tia me no.

21 Nanso, wo Awurade me Nyankopɔn, boa me sɛnea woahyɛ me bɔ no na esiane wo dɔ mu ade pa nti, gye me.

22 Ahia me na minni biribiara. Me koma mu hyehye me. 23 Mete sɛ anwummere sunsuma a ɛreyɛ ayera; mframa bɔ me sɛ aboawa. 24 Aduan a minnya nti, me kotodwe mu agugow; menyɛ hwee sɛ ɔhonam ne nnompe kɛkɛ. 25 Sɛ nnipa hu me a, wɔserew me; wɔwosow wɔn ti di me ho fɛw.

26 Boa me, O Awurade me Nyankopɔn; wo dɔ a ɛnsa da no nti, gye me! 27 Ma m’atamfo nhu sɛ wo ne me gyefo. 28 Wɔbɛdome me, nanso wubehyira me. Ma wɔn a wɔtaa me no nni nkogu, na ma me a meyɛ wo somfo no ani nnye.

29 Ma animguase nnura m’atamfo ho; ma wɔnhyɛ animguase no sɛ atade. 30 Mɛda Awurade ase. Mɛkamfo no wɔ ne baguafo anim 31 efisɛ, ɔbɔ ohiani ho ban na ogye no fi wɔn a wɔabu no kumfɔ nsam.