Add parallel Print Page Options

Awurade ayeyi dwom

111 Kamfo Awurade! Mifi me koma nyinaa mu bɛda Awurade ase wɔ ne nkurɔfo a wɔabɔ gua no anim. Nneɛma a Awurade yɛ no yɛ nwonwa! Wɔn a wɔn ani gye ho no pɛ sɛ wɔte ase. Tumi ne anuonyam wɔ nea ɔyɛ biara mu na ne trenee wɔ hɔ daa.

Awurade remma yɛn werɛ mfi n’anwonwade. Ne yam ye na ohu mmɔbɔ. Wɔn a wodi no ni no, ɔma wɔn aduan. Ne werɛ mfi n’apam. Wakyerɛ ne tumi akyerɛ ne nkurɔfo sɛ ɔde ananafo asase ama wɔn. Biribiara a ɔyɛ no, ɔyɛ no nokwarem. Ne mmara nni huammɔ. Bere biara ɛwɔ hɔ. Wɔhyɛɛ no nokware ne trenee mu. Ɔmaa ne nkurɔfo dee wɔn ho na ɔne wɔn yɛɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ɔyɛ kronkron ne Otumfoɔ!

10 Worepɛ nyansa a, di Awurade ni. Obu wɔn a wodi ne mmara so nyinaa atɛntrenee. Ɔsɛ ayeyi daa.