Add parallel Print Page Options

Twam dwom

114 Bere a Israelfo fii Misraim na Yakob asefo fii ananafo asase so no, Yuda bɛyɛɛ Awurade nkurɔfo kronkron na Israel bɛyɛɛ ɔno ankasa agyapade. Ɛpo Kɔkɔɔ hui na oguanee. Yordan nso gyaee teɛ. Mmepɔw huruhuruwii sɛ mmirekyi na nkoko nso huruhuruwii sɛ nguan mma. Dɛn na ɛbae na wo Po woreguan? Na wo Yordan nso, woagyae teɛ? Mo mmepɔw nso, adɛn na muhuruhuruw sɛ mmirekyi? Na mo nkoko, adɛn nti na muhuruhuruw sɛ nguan mma? Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade ba no mu wɔ Yakob Nyankopɔn anim, ɔno a ɔma abotan dan nsubura na abo dan nsuwa no.