Add parallel Print Page Options

Gyidi mu mpaebɔ

16 Bɔ me ho ban, O Onyankopɔn; migye wo di sɛ me guankɔbea. Meka kyerɛ Awurade se, “M’awurade ne wo; nneɛma a mewɔ nyinaa fi wo nkyɛn.” Awurade nkurɔfo a wɔyɛ pɛ wɔ gyidi mu no, wɔn na m’ani gye sɛ me ne wɔn bɛtena. Wɔn a wokodi anyame foforo akyi no twe ɔhaw brɛ wɔn ho. Merenkɔka wɔn afɔrebɔ ho, na merensom wɔn anyame nso.

Wo, Awurade, yɛ nea mewɔ nyinaa, na woma me nea ehia me nyinaa; me daakye asetena hyɛ wo nsa. W’akyɛde a wode ma me yɛ nwonwa na ɛyɛ nneɛma pa nso. Mekamfo Awurade efisɛ, ɔkyerɛ me kwan, na edu anadwo a m’atiboa bɔ me kɔkɔ.

Minim sɛ Awurade ka me ho daa. Ɔbɛn me, na biribiara rentumi mpusuw me. Ɛno nti, mewɔ aseda ne anigye mu. Na mete nka sɛ mewɔ guankɔbea. 10 Efisɛ, wobɔ me ho ban fi owu tumi ase, na worennyaa nea wodɔ no mma ɔnkɔ asaman. 11 Wobɛkyerɛ me kwan a ɛkɔ nkwa mu. Hu a mihu wo no hyɛ me anigye ne anika a ɛnsa da.