Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn anuonyam wɔ abɔde mu

19 Ewim da Onyankopɔn anuonyam adi! Ɛkyerɛ nea wayɛ mu pefee! Ɛda biara ka kyerɛ da a edi so; saa ara na anadwo biara nso yɛ. Ɔkasa nni mu, na wɔnte nne nso, nanso wɔn nne kɔ wiase mmaa nyinaa ma wɔte wɔ asase ano nyinaa. Onyankopɔn bɔɔ atenae wɔ wim maa owia; epue anɔpa ahotɔ mu sɛ ayeforokunu; te sɛ mmirikatufo a ne ho pere no sɛ osi mmirikakane. Ofiti ase wɔ wim ano baabi twa mu kɔ fa. Biribiara rentumi nhintaw ne ho mfi ne hyew no ase.

Awurade mmara yɛ pɛ; ɛma ahoɔden foforo. Awurade nsɛm hyɛ ma; ɛma wɔn a wonni nyansa no nyansa. Awurade mmara yɛ trenee; wɔn a wodi so no ho tɔ wɔn. Awurade nsɛm no yɛ trenee; ɛma adwene ne ntease. Ɔsom a wɔsom Awurade ye; ɛbɛkɔ so daa daa. Awurade atemmu yɛ trenee; ne nyinaa yɛ pɛ. 10 Ɛho hia sen sikakɔkɔɔ amapa; ɛyɛ dɛ sen ɛwo amapa. 11 Ɛma me, wo somfo, adwene. Manya di a midi so no ho akatua.

12 Obiara ntumi nhu n’ankasa mfomso; Awurade, yi me fi me mfomso a ahintaw no mu! 13 Bɔ me ho ban fi ɔboayɛ mu, na mma ho kwan mma ennni me so. Ɛba saa a, mɛyɛ pɛ na made me ho wɔ bɔneyɛ nnadaa mu. 14 Me nsɛm ne m’adwene nyɛ nea wopɛ, O Awurade; me guankɔbea ne me gyefo.