Add parallel Print Page Options

Nkonimdi ayeyi dwom

21 O Awurade, ɔhene ani agye efisɛ, womaa no ahoɔden; odi ahurusi efisɛ, woma odii nkonim. Woama no nea ne koma pɛ; woayɛ n’abisade.

Wode nhyira dodow brɛɛ no bɛhyɛɛ no sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. Obisaa wo nkwa, na womaa no nkwa a enni awiei. Esiane wo mmoa nti, n’anuonyam so. Woama no din ne tumi. Wo nhyira wɔ ne so daadaa; na ka a woka ne ho no ma odi ahurusi. Ɔhene no gye Otumfoɔ Awurade di, na esiane Awurade dɔ a ɔdɔ no daa nti, ɔhwɛ ne so daa.

Ɔhene bɛkyere n’atamfo nyinaa. Ɔbɛkyere obiara a ɔtan no. Sɛ ɔba a, ɔbɛsɛe wɔn sɛ ogya a ɛredɛw. Awurade bɛsɛe wɔn wɔ n’abufuw mu na ogya abɛhyew wɔn. 10 Ɛrenka wɔn aseni biara; ɔhene no bekunkum wɔn nyinaa. 11 Wɔyɛ nhyehyɛe, sɔre tia no nanso, wɔrenni nkonim. 12 Ɔbɛtow ne bɛmma akyerɛ wɔn so na wɔadan wɔn ho aguan.

13 Yɛkamfo wo, Awurade, wɔ w’ahoɔden kɛse no nti. Yɛbɛto nnwom akamfo wo mmaninne.