Add parallel Print Page Options

Ɔhene kɛse no

24 Wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de. Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa yɛ Awurade de. Osii wɔ nsu ase akyirikyiri wɔ asase ase, na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo no ase hɔ.

Hena na ɔwɔ tumi sɛ ɔkɔ Awurade bepɔw so? Hena na obetumi akɔ ne fi kronkron no mu? Ɛyɛ wɔn a wɔyɛ ade trenee na wodwen adwene pa na wɔnsom anyame na wɔnhyɛ bɔ hunu no. Awurade behyira wɔn na wagye wɔn nkwa. Onyankopɔn bebu wɔn bem. Saa nnipa no na wɔba Onyankopɔn nkyɛn.Wɔn na wɔba Yakob Nyankopɔn anim.

Mummue ɔpon no kɛse. Mummue tete apon no na ɔhene kɛse no bɛfa mu. Hena ne saa ɔhene kɛse yi? Ɔno ne Awurade, ɔhoɔdenfo ne otumfoɔ no; Awurade, ɔko mu nkonimdifo. Mummue ɔpon no kɛse. Mummue tete apon no na ɔhene kɛse no bɛfa mu.

10 Hena ne saa ɔhene kɛse yi? Nkonimdi Awurade; ɔno ne ɔhene kɛse no!