Add parallel Print Page Options

Bɔne fafiri

32 Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn bɔne firi wɔn, na wogyaa wɔn bɔne mu ma ɛka. Nhyira nka nea Awurade nka se wayɛ bɔne bi na ɔde ne ho wɔ nnaadaa nyinaa mu.

Bere a manka me bɔne no, ɛma mebrɛe me su mu da no nyinaa. Wotwee m’aso awia ne anadwo, Awurade; m’ahoɔden so tewee koraa sɛ nea ɔhyew ka fonwini a owia ahye no. Awia ne anadwo, wotwee m’aso, Awurade; m’ahoɔden sae koraa te sɛ fonwini a owia ahye no. Afei mekaa me bɔne kyerɛɛ wo. Mamfa bɔne a mayɛ ansie. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛka akyerɛ wo, na wode ne nyinaa kyɛɛ me.

Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wodi wo nokware no su frɛ wo ahohia mu. Sɛ ɔhaw ntoatoaso ba wɔn ba a, ɛrenka wɔn.

Wone me guankɔbea; wubegye me afi ɔhaw mu. Meto wo nkwagye ho dwom dennen efisɛ, wobɔ me ho ban. Awurade se, “Mɛkyerɛ wo ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so; metu wo fo. Monnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a wonnim hwee nti, wɔnam nnareka ne hama so kyerɛ no kwan ma ɔbrɛ ne ho ase no.”

10 Ɔdebɔneyɛfo behu amane, nanso wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no benya ogye afi ne daa dɔ mu. 11 Mo a moyɛ atreneefo no, momma mo ani nnye na munni ahurusi wɔ nea Awurade ayɛ no ho. Mo a mutie no, monteɛm nni ahurusi!