Add parallel Print Page Options

Onipa bɔne su

36 Bɔne kasa kyerɛ ɔdebɔneyɛfo ma edu ne koma mu pɛɛ; ɔpa Onyankopɔn na onni no ni. Esiane sɛ odwen n’ankasa ho nti, osusuw sɛ Onyankopɔn renhu ne bɔne mmu no fɔ. Ne kasa yɛ bɔne na atoro ahyɛ no ma; afei ɛnyɛ ade a nyansa wɔ mu na ɔyɛ. Ɔda mpa so no, na ɔredwen bɔne ho. Biribiara nni hɔ a ɔyɛ a, eye. Na ɔmpɛ sɛ ogyaa bɔneyɛ.

Awurade, wo dɔ a ɛnsa da no du sorosoro. Wo nokware du sorosoro. Wo trenee hɔre te sɛ mmepɔw. W’atɛntrenee mu dɔ sɛ ɛpo mu. Nnipa ne mmoa nyinaa hyɛ wo nsa. O Onyankopɔn, wo dɔ a ɛnsa da no som bo! Yenya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini no ase. Yedi nnuan bebree a wode ma yɛn no. Woma yɛnom w’adom asuten no mu.

Wone nkwa nyinaa ti, esiane wo hann nti, yehu hann no. 10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo no, na yɛ atreneefo papa. 11 Mma ahantanfo mma me so; anaa mma nnebɔneyɛfo mma me nnguan. 12 Hwɛ baabi a nnebɔneyɛfo atetew ahwe. Wɔn na wɔdeda hɔ a wontumi nsɔre no.