Add parallel Print Page Options

Ɔmanehunufo bɔneka

39 Mekae se, “Nea meyɛ biara, mɛhwɛ yiye na meremma me tɛkrɛma nyɛ bɔne; sɛ ɔdebɔneyɛfo bɛn me a, merenka hwee.” Meyɛɛ komm. Manka asɛm baako po; manka biribi a ɛfa ade pa ho. Nanso m’amanehunu kɔɔ so ara maa ahopere hyɛɛ me so. Migu so redwen no, na me haw mu remia. Mantumi antena a mimmisa se, “Awurade, mɛtena ase nna ahe? Da bɛn na mewu? Kyerɛ me bere a me nkwa bɛba awiei.” Wɔatew me nkwa nna so! W’ani so de, me nkwa nna nka hwee. Nokware, ɔteasefo biara nsen mframa mu tutuw; ɔnsen sunsumma. Nea ɔyɛ biara yɛ ɔkwa; ɔboa ahonya ano nanso onnim nea ɛbɛyɛ ne de. Afei ɛdɛn na memfa me ho nto so, Awurade? Mede me ho to wo so.

Gye me fi me bɔne nyinaa mu. Na mma agyimifo nserew me.

Mɛyɛ komm. Merenka asɛm baako po efisɛ, wo na woma mihu amane saa.

10 Ntwe m’aso bio. Mereyɛ awu wɔ wo nsa ano. 11 Wode animka na ɛtwe onipa bɔne aso te sɛ afofantɔ sɛe nea ɔpɛ. Nokware, afei onipa nte sɛ mframa mu tutuw bio.

12 Tie me mpaebɔ, Awurade, na tie me sufrɛ; na sɛ misu frɛ wo a, bɛboa me. Meyɛ wo hɔho mmere tiaa bi sɛ yɛn nenanom pɛ.

13 Gyaa me na minnya ahotɔ ansa na mafi ha a mente ase bio.