Add parallel Print Page Options

Ɔdehye Ayeforohyia Dwom

45 Nsɛm a ɛyɛ dɛ hyɛ m’adwene ma bere a merehyehyɛ saa dwom yi ama ɔhene no. Ɛte sɛ ɔkyerɛwfo pa kyerɛwdua, anwensɛm ayɛ pɛ me tɛkrɛma so.

W’ahoɔfɛ twa mmarima nyinaa mu. Wo kasa yɛ dɛ. Onyankopɔn ahyira wo daa. Fa wo nkrante, ɔhene kɛse; w’anim yɛ nyam na woyɛ otumfoɔ. Kɔ w’anim tumi ne nkonimdi so fa bɔ nokware ne papa ho ban. W’ahoɔden bɛma woadi nkonim akɛse! Wo bɛmma ano yɛ nnam; ɛwowɔ w’atamfo koma mu; aman hwe ase wɔ wo nan ase. Ahemman a Onyankopɔn de ama wo no bɛtena hɔ daa daa. Wode nokware di wo nkurɔfo so; wodɔ ade trenee na wukyi ade bɔne. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn ayi wo de ahotɔ ahyira wo asen ɔhene biara no.

Kurobow ne pɛperɛ hua wɔ wo ntade mu. Nnwomhyehyɛfo gye w’ani wɔ ahemfi a wɔde asonse asiesie hɔ no mu. Ahemfo mmabea na wɔka mmea a wɔwɔ wo fi ho, na w’ahengua nifa so na ɔhemmea gyina a ɔhyɛ sikakɔkɔɔ a ɛyɛ fɛ yiye agude. 10 Ɔhene yere ayeforo, tie asɛm a meka; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne w’abusuafo. 11 W’ahoɔfɛ bɛma ɔhene adɔ wo; ɔno ne wo wura, enti ɛsɛ sɛ wutie no. 12 Nnipa a wofi Tiro bɛbrɛ wo akyɛde. Adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babea no wɔ ahemfi hɔ. Ne ho yɛ fɛ papa bi. Wɔde sikakɔkɔɔ asaawa na ɛpam n’atade. 14 Ɔhyɛ n’atade pa yi na wɔde no kɔmaa ɔhene a n’ayeforo mmaawa di n’akyi a, wɔde wɔn nyinaa kɔmaa ɔhene no. 15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye na ɛkɔɔ ɔhene no ahemfi hɔ. 16 Wo, me hene, wobɛwo mma bebree a wobedi wɔn nenanom ade sɛ ahemfo, na wobɛyɛ wɔn adedifo wɔ asase so nyinaa.

17 Me dwom yi bɛma din a woagye no atena hɔ daa daa, na obiara bɛkamfo wo nna a ɛreba no nyinaa mu.