Add parallel Print Page Options

Banbɔ mpaebɔ

61 Tie me sufrɛ, O Onyankopɔn; tie me mpaebɔ! Abasamtu ne akyirikyiri a mifi na mede aba wo nkyɛn yi! Fa me, na fa me sie yiye efisɛ, wone me gyefo, ogyefo dennen a ogyina tia m’atamfo. Ma mentena wo Kronkron mu Kronkron hɔ me nkwa nna nyinaa. Ma me guankɔbea wɔ wo ntaban ase hɔ. Woate me bɔhyɛ, O Onyankopɔn, na woama me nea ɛfata sɛ wode ma wɔn a wɔhyɛ wo anuonyam.

To ɔhene nna mu bebree; ma ɔntena ase daa daa. Ma onni hene daa daa wɔ w’anim. O Onyankopɔn, fa daa dɔ a wowɔ no ne wo gyidi bɔ ne ho ban. Enti daa mɛto ayeyi nnwom ama wo bere a daa mema wo nea mahyɛ wo ho bɔ no.