Add parallel Print Page Options

Ayeyi ne aseda dwom

66 Nnipa nyinaa, momfa ahosɛpɛw nto ayeyi dwom mma Onyankopɔn! Monto, nkamfo ne din. Monkamfo n’anuonyam!

Munse Onyankopɔn se, “Wo nsa ano nnwuma yɛ nwonwa. Wo tumi so kosi sɛ w’atamfo de suro kotow w’anim. Obiara a ɔwɔ asase so kotow wo. Wɔto dwom de kamfo wo; wɔto dwom de kamfo wo din. Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu. Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; yɛn nenanom de wɔn nan twaa asu no. Ɛhɔ na nea ɔyɛe no nti, yɛn ani gyei.

Ne tumi nti, odi hene daa daa, na ɔde n’ani nso hwɛ aman so. Mma dɔm nnsɔre nntia no.

Aman nyinaa, monkamfo yɛn Nyankopɔn; momma wɔnte mo nkamfo no. Wama yɛte nkwa mu na ɔmma ho kwan mma yɛnhwe ase. 10 Onyankopɔn, woasɔ yɛn ahwɛ. Sɛnea ogya hoa dwetɛ ho no, saa ara na woasɔ yɛn ahwɛ. 11 Womaa firi yii yɛn na wode nnosoa a ɛyɛ duru guu yɛn akyi. 12 Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so. Yɛfaa ogya ne nsuyiri mu, nanso mprempren wode yɛn abedu baabi a asomdwoe wɔ.

13 Mede ɔhyew afɔre bɛba wo fi; mede nea mehyɛɛ wo ho bɔ no bɛma wo. 14 Mede nea mekae se mede bɛma wo bere a na mewɔ ɔhaw mu no, bɛma wo. 15 Mɛma oguan, na wɔahyew no afɔremuka no so. Mede anantwinini ne mmirekyi bɛbɔ afɔre no, na wusiw no akɔ soro tee.

16 Mo a mohyɛ Onyankopɔn anuonyam nyinaa mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me akyerɛ mo. 17 Misu frɛɛ no sɛ ɔmmoa me; metoo nnwom kamfoo no. 18 Sɛ midii me bɔne akyi a, anka Awurade rentie me. 19 Nanso, nokwarem, Onyankopɔn atie me, watie me mpaebɔ.

20 Mekamfo Onyankopɔn efisɛ, wampo me mpaebɔ na wannyae ne dɔ a ɔde dɔ me daa no.