Add parallel Print Page Options

Ɔman nkonim dwom

68 Onyankopɔn ma ne ho so bɔ n’atamfo pete. Wɔn a wɔtan no guan wɔ nkogu mu. Sɛnea wɔbɔ wusiw gu no, saa ara na ɔpam wɔn. Sɛnea srade nan wɔ ogya so no, saa ara na amumɔyɛfo yera wɔ Onyankopɔn anim.

Nanso atreneefo ani gye na wɔn ho sɛpɛw wɔn wɔ n’anim. Wɔwɔ ahotɔ na wɔteɛm ahosɛpɛw so. To dwom ma Onyankopɔn; to dwom kamfo ne din. Siesie ɔkwan ma nea ɔnam omununkum mu no. Ne din de Awurade; ma w’ani nnye wɔ n’anim. Onyankopɔn a ɔte ne fi kronkron mu no hwɛ nnyanka ne akunafo. Ɔma onnibie ofi tena mu na wayi nneduafo ama wɔade wɔn ho ahotɔ mu. Nanso wɔn a wotia Onyankopɔn no bɛtena asase so akyirikyiri.

O Onyankopɔn, bere a wudii wo nkurɔfo anim, bere a wode wɔn faa sare so no, asase wosowee na osu tɔe esiane Sinai Nyankopɔn ne Israel Nyankopɔn no ba nti. Womaa osu tɔe bebree maa w’asasenini no yɛɛ yie. 10 Wo nkurɔfo kyekyeree wɔn afi wɔ hɔ; wɔnam w’adɔe so hwɛɛ ahiafo. 11 Awurade hyɛɛ mmara maa mmea kɔkae se, 12 “Ahemfo ne wɔn asraafo reguan!” Mmea a wɔwɔ fie no kyɛɛ asade no mu fae: 13 mmuruburu a wɔde dwetɛ afa wɔn ho a wɔanan sikakɔkɔɔ a ɛhyerɛn agu wɔn ntaban so. Adɛn nti na mo mu bi tenaa nguandan mu ɔko da no? 14 Bere a Otumfoɔ Nyankopɔn bɔɔ ahene a wɔwɔ Salmon Bepɔw so hwetee no, ɔmaa sukyerɛmma tɔe wɔ hɔ.

15 Basan bepɔw yɛ kɛse a ɛwɔ nkoko bebree. 16 Adɛn nti na mo nkoko, mode ani bɔne hwɛ bepɔw a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛtena so? Awurade bɛtena hɔ daa daa. 17 Awurade bɛtena ne nteaseɛnam akɛse mpempem no mu afi Sinai akɔ kurow kronkron no mu. 18 Ɔde nneduafo bebree ka ne ho kɔ atifi pɛɛ, na wogye akyɛde fi wɔn a wɔayɛ no dɔm no nkyɛn. Awurade Nyankopɔn bɛtena hɔ.

19 Kamfo Awurade, nea ɔsoa yɛn nnosoa da biara no. Ɔyɛ Onyankopɔn a ogye yɛn nkwa. 20 Yɛn Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ogye nkwa. Ɔyɛ Awurade, yɛn Awurade a ogye yɛn fi owu mu. 21 Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛpɛtɛw n’atamfo ne wɔn a bɔne ara na wɔkɔ so yɛ no ti. 22 Awurade aka se, “Mede mo atamfo befi Basan asan aba; mɛsan ayi wɔn afi po bunu mu, 23 na moanantew wɔn mogya mu na akraman ataforo dodow biara a wɔpɛ.”

24 O Onyankopɔn, obiara ahu wo nkonimdi santen a woreto no; Onyankopɔn, me hene, santen a ɔreto akɔ ne Kronkron mu Kronkron hɔ no. 25 Nnwontofo no wɔ anim, ɛnna nnwomkyerɛfo no nso wɔ akyiri, na wɔn ntam na mmeawa a wɔrebɔ akyene no wɔ. 26 “Kamfo Onyankopɔn wɔ hyia a ɔne ne nkurɔfo ahyia no. Mo, Yakob asefo nyinaa, monkamfo Awurade!” 27 Odikanfo a ɔba no ne Benyamin, abusua ketewaa koraa no; nea odi hɔ ne Yuda ne ne nkurɔfo, na Sebulon ne Naftali adikanfo aba. 28 O Onyankopɔn, kyerɛ wo tumi, tumi a wode adi ama yɛn no, 29 tumi a efi wo fi a ɛwɔ Yerusalem a ahene bɛkyɛ wo nneɛma wɔ mu no. 30 Ka Misraim ne mu mmoa a wɔhyɛ demmire mu ne aman ne emu anantwinini ne wɔn tɔte anim kosi sɛ wɔbɛkotow wo de wɔn dwetɛ ama wo. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pete. 31 Ananmusifo befi Misraim aba, na Sudanfo ama wɔn nsa so abɔ mpae afrɛ Onyankopɔn. 32 Wiase ahemman, monto dwom mma Onyankopɔn. Monto ayeyi dwom mma Awurade 33 a ɔnam wim, tete wim no. Muntie no, na mompɔ so dennen. 34 Monna Onyankopɔn tumi adi. Ne kɛseyɛ wɔ Israel na ne tumi wɔ wim. 35 Onyankopɔn ho yɛ hu wɔ ne tenabea kronkron mu hɔ; Israel Nyankopɔn! Ɔma ne nkurɔfo ahoɔden ne tumi. Kamfo Onyankopɔn.