Add parallel Print Page Options

Dapɔnna Dwom

81 To ahosɛpɛw dwom ma Awurade, yɛn hwɛfo. To ayeyi dwom ma Yakob Nyankopɔn.

Mumfi nnwonto no ase na mommɔ mpintin. Mommɔ nnwom a ɔyɛ dɛ wɔ sanku ne bɛnta so. Monhyɛn torobɛnto mma afahyɛ no bere a ɔsram apue foforo na wanyin no. Eyi yɛ Israel mmara; ɛyɛ mmara a efi Yakob Nyankopɔn nkyɛn. Bere a okotuaa Misraim asase no na ɔhyɛɛ mmara no maa Israelfo. Metee nne bi a minnim na ɛka se, “Miyii nnosoa no fii mo akyi. Mema mosoɛɛ mo ntayaa no. Bere a mowɔ ɔhaw mu no, mofrɛɛ me, na migyee mo nkwa. Mifii me hintabea a ɛwɔ ahum mu no gyee mo so. Mesɔɔ mo hwɛe wɔ Meriba nsu ho. Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi. Mepɛ sɛ Israel tie me. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo. 10 Mene mo Awurade, mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so no. Mummue mo anom na mɛhyɛ mu ma. 11 Nanso me nkurɔfo rentie me. Israel rentie me. 12 Enti ma wɔmfa wɔn kɔnsenee akwan no so na wɔnyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ biara.

13 “Mepɛ sɛ me nkurɔfo tie me. Mepɛ sɛ wodi m’asɛm so. 14 Anka medi wɔn atamfo nyinaa so ntɛm. 15 Wɔn a wɔtan me no de suro bɛkotow me osuro so; wɔn asotwe bɛtena hɔ daa daa. 16 Nanso mɛma mo esiam a ɛyɛ fɛ adi na mama mo ɛwo a ano yɛ mmerɛw aka ho.