Add parallel Print Page Options

Ɔman yiyedi mpaebɔ

85 Awurade, woahu wo asase mmɔbɔ; woama Israel adi yiye bio. Wode wo nkurɔfo bɔne nyinaa akyɛ wɔn. Wugyaee w’abufuw a wode kɔɔ wɔn so no.

Fa yɛn san bra, O Onyankopɔn, yɛn agyenkwa na gyae sɔ a w’ani nsɔ yɛn no! Wo bo befuw yɛn akosi daa nyinaa? W’abufuw to rentwa da? Hyɛ yɛn den bio, na yɛn, wo nkurɔfo, bɛkamfo wo. Dɔ yɛn daa, O Awurade, na gye yɛn nkwa, boa yɛn.

Meretie nea Awurade Nyankopɔn reka. Ɔhyɛɛ yɛn a yɛyɛ ɔno ara ne nkurɔfo no bɔ se, sɛ yɛannan amfa akwammɔne so a, akyinnye biara nni ho sɛ wasiesie ne ho sɛ wɔn a wodi no ni no, obegye wɔn nkwa, na ne nkwagye no bɛtena yɛn asase no so.

10 Ɔdɔ ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoee ayɛ atuu. 11 Onipa nokware befi asase so akɔ soro, na Onyankopɔn trenee fi soro aba asase so. 12 Awurade bɛma yɛanya nkɔso, na yɛn asase anya nnɔbae bebree. 13 Atreneefo bedi Awurade anim asiesie ne kwan ama no.