Add parallel Print Page Options

Osufrɛ

88 Awurade Nyankopɔn, m’agyenkwa, misu da mu no nyinaa, na anadwo nso meba w’anim. Tie me mpaebɔ na tie me sufrɛ na boa me. Ɔhaw bebree ato me a mereyɛ awu. Mete sɛ afoforo a wɔreyɛ awu no. M’ahoɔden nyinaa asa. Wɔagyaa me ama awufo. Mete sɛ obi a wɔakum no na ɔda damoa mu; mete sɛ wɔn a wɔn werɛ afi wɔn koraa a woboa wɔn a ɛnyɛ ye no.

Woatow me akyene damoa ase ne amoa donkudonku a esum wɔ mu mu. W’abufuw wɔ me so denneenen, na abufuw no asorɔkye aka me ahyɛ n’ase ayam me. Woama m’afɛfo apa me na woama me nso makyi wɔn. Maka mfinimfini na mintumi nguan. M’aniwa yɛ mmerɛw ma amanehunu. Awurade, da biara mefrɛ wo na mema me nsa so bɔ wo mpae.

10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo? Wɔsɔre kamfo wo? 11 Wɔka wo dɔ a ɛnsa da no ho asɛm wɔ damoa mu, anaa wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom? 12 Wohu w’anwonwade no wɔ sum kurom, anaa wo papayɛ no wɔ awerɛfiri asase so?

13 Awurade, mefrɛ wo sɛ boa me; anɔpa biara mebɔ wo mpae. 14 Adɛn nti na wopo me, Awurade? Adɛn nti na woayi w’ani afi me so? 15 Mahu amane fi me mmofraase na mebɛn owu. W’asotwe ama makisa. 16 W’abufuwhyew bubu me. Ɔtaa a wotaa me no sɛe me. 17 Daa nyinaa, wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri. Wofi afanan nyinaa ka me hyɛ. 18 Woama me nnamfobrɛbo apa me, na esum nko na abɛyɛ me hokafo.