Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

92 Eye sɛ wɔda wo Awurade ase na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, O Ɔsorosoro Nyankopɔn; na wɔpae mu ka wo dɔ a wowɔ daa no anɔpa biara na wɔaka wo nokware nso ho asɛm anadwo biara wɔ sanku a hama gu so ne sanku dwom mu. Wo nneyɛe akɛse no, O Awurade, ma m’ani gye; esiane nea woayɛ nti, meto dwom ma me ho sɛpɛw me.

Awurade, wo nneyɛe di mu na wo nyansa nso mu dɔ! Eyi yɛ biribi a ɔkwasea ntumi nhu; ogyimifo ntumi nte ase. Amumɔyɛfo benyin sɛ wura, nnebɔneyɛfo bɛkɔ so nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa, efisɛ, wo Awurade, woyɛ otumfoɔ daa daa. Yenim sɛ w’atamfo bewuwu na wɔadi amumɔyɛfo nyinaa so.

10 Woama manya ahoɔden te sɛ torɔm na woahyira me ama manya ahotɔ. 11 Mahu nkogu a m’atamfo adi, ate osu a amumɔyɛfo resu. 12 Atreneefo no bɛkɔ so sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida dua. 13 Wɔte sɛ nnua a wɔadua wɔ Awurade fi a enyin wɔ Onyankopɔn fi 14 a, ɛsow aba ne nyin mu na daa eye na ɛwɔ ahoɔden. 15 Eyi kyerɛ sɛ, Awurade yɛ ɔnokwafo, enti nea ɛnteɛ biara nni me hwɛfo ho.