Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, Ɔhene Tumfoɔ

99 Awurade yɛ ɔhene; nnipa ho popo. Ɔtena n’ahengua a esi abɔde bi ntaban so ma asase wosow.

Awurade yɛ Otumfoɔ wɔ Sion; ɔyɛ kɛse wɔ aman nyinaa so. Obiara bɛkamfo ne kɛseyɛ ne ne tumi a ɛwɔ ne din mu no. Ɔyɛ kronkron!

Ɔhene kɛse, wodɔ ade trenee. Woabɔ trenee atenaseɛ wɔ Israel. Woama trenee ne nokware aba. Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn; som no n’ahengua anim. Ɔyɛ ɔkronkronni!

Mose ne Aaron yɛɛ n’asɔfo, na Samuel ne obi a ɔbɔɔ no mpae. Wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so. Ɔkasa kyerɛɛ wɔn fii omununkum dum mu. Wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so. O Awurade, me Nyankopɔn, wugyee wo nkurɔfo so; woma wohui sɛ wo ne Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.

Kamfo Awurade, yɛn Nyankopɔn, na som wɔ ne Bepɔw kronkron no so! Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.