Add parallel Print Page Options

Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn. Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoe nka mo.

Aseda

Daa yesi mo ananmu da Onyankopɔn ase ma mo na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso. Efisɛ, yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.

Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no. Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim sɛnea bere a na yɛne mo wɔ ha no mo yiyedi mu nti na ɛmaa yɛne mo tenae. Musuasuaa yɛn ne Awurade; na ɛwom sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.

Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa gyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela no nyinaa. Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom, gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. Saa nnipa no nyinaa ka gye a yɛbɛsraa mo no, mugyee yɛn ne twe a motwee mo ho fii ahoni ho na mode mo ho maa Onyankopɔn, som nokware ne ɔteasefo Nyankopɔn no 10 na moatwɛn ne Ba a ofi soro no; ne Ba Yesu a onyanee no fi awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.