Add parallel Print Page Options

Paulo adwumayɛ wɔ Tesalonika

Anuanom, mo ankasa munim sɛ nsra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. Munim ayaayaade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika. Ɛwom sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo.

Daa yɛka nokware sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ, ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyeerɛ mo anaasɛ yɛrebɛka nsɛm sikanibere so. Onyankopɔn ne yɛn adanse. Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn. Na yɛwɔ mo nkyɛn no na yɛne mo te odwo so sɛnea ɔbeatan korɔkorɔ ne mma. Esiane sɛ na yɛdɔ mo no nti, na ɛnyɛ Asɛmpa no nko ara na na mowɔ mu kyɛfa na mmom yɛn ankasa yɛn abrabɔ nso ka ho bi. Na yɛdɔ mo pa ara.

Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛe ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so.

10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn adansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronn a eye na mfomso biara nni ho. 11 Mo ara munim sɛ yɛne mo tenae sɛnea agya ne n’ankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ n’ahenni ne n’anuonyam mu no so.

13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutiei, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn na mmom, ampa ara sɛ, efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.

14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no, saa ara na Yudafo no nso taa asafo no, 15 kum Awurade Yesu ne adiyifo no taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn na nnipa bo fuw wɔn. 16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma Amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi ma daa wɔn bɔne kɔ so. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so.

Paulo pɛ sɛ ɔkɔsra wɔn bio

17 Yɛn de, anuanom, tetew a yɛtetew mu kakraa a emfi yɛn no nanso ɛyɛ honam fam no, yɛn ani gyinaa mo na yɛbɔɔ ho mmɔden sɛ yebehu mo bio. 18 Yɛpɛe sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam amma yɛn ho kwan. 19 Nanso ne nyinaa akyi no, mo nko ara ne yɛn anidaso ne yɛn ahosɛpɛw na sɛ yebetumi ahoahoa yɛn ho nkonimdi mu wɔ Awurade Yesu anim wɔ ne ba no mu a, egyina mo so. 20 Nokwarem, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.