Add parallel Print Page Options

Atoro akyerɛkyerɛfo

Honhom no si no pi sɛ, akyiri yi, nnipa bi begyaa gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom akyi na wɔadi ahohommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. Saa nkyerɛkyerɛ yi fi atorofo nnaadaa a wɔyɛ adwenewuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no. Saa nnipa no kyerɛkyerɛ sɛ enye sɛ obi ware na nnuan bi nso wɔ hɔ a, enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ gyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di.

Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. Efisɛ, Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho.

Sɛ wokyerɛkyerɛ anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo.

Nsɛe wo bere wɔ atorosɛm ho. Mmom hyɛ wo ho, na yɛ kronn. Ɛwom sɛ honam mu mmɔdenbɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdenbɔ ho hia akwan nyinaa mu, efisɛ, ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye tom na wogye di. 10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ, yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titiriw no, gyidifo Agyenkwa no mu.

11 Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. 12 Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii enti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronnyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. 13 Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba.

Fa wo dom akyɛde som

14 Honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu so a wonnyaee no, nnyaa mu. 15 So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso. 16 Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ, sɛ woyɛ saa a wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.

The Spirit(A) clearly says that in later times(B) some will abandon the faith and follow deceiving spirits(C) and things taught by demons. Such teachings come through hypocritical liars, whose consciences have been seared as with a hot iron.(D) They forbid people to marry(E) and order them to abstain from certain foods,(F) which God created(G) to be received with thanksgiving(H) by those who believe and who know the truth. For everything God created is good,(I) and nothing is to be rejected(J) if it is received with thanksgiving, because it is consecrated by the word of God(K) and prayer.

If you point these things out to the brothers and sisters,[a] you will be a good minister of Christ Jesus, nourished on the truths of the faith(L) and of the good teaching that you have followed.(M) Have nothing to do with godless myths and old wives’ tales;(N) rather, train yourself to be godly.(O) For physical training is of some value, but godliness has value for all things,(P) holding promise for both the present life(Q) and the life to come.(R) This is a trustworthy saying(S) that deserves full acceptance. 10 That is why we labor and strive, because we have put our hope in the living God,(T) who is the Savior of all people,(U) and especially of those who believe.

11 Command and teach these things.(V) 12 Don’t let anyone look down on you(W) because you are young, but set an example(X) for the believers in speech, in conduct, in love, in faith(Y) and in purity. 13 Until I come,(Z) devote yourself to the public reading of Scripture,(AA) to preaching and to teaching. 14 Do not neglect your gift, which was given you through prophecy(AB) when the body of elders(AC) laid their hands on you.(AD)

15 Be diligent in these matters; give yourself wholly to them, so that everyone may see your progress. 16 Watch your life and doctrine closely. Persevere in them, because if you do, you will save(AE) both yourself and your hearers.

Footnotes

  1. 1 Timothy 4:6 The Greek word for brothers and sisters (adelphoi) refers here to believers, both men and women, as part of God’s family.