Add parallel Print Page Options

Mpaebɔ ho akwankyerɛ

M’afotu ne sɛ, nea edi kan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. Eyi ye na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a, ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani. Efisɛ, Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔwɔ hɔ na ɔno ne Kristo Yesu no. Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbae bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa. Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne Amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro; mereka nokware! Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa a wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn a wotumi ma wɔn nsa so a abufuw ne akyinnye nni mu bɔ mpae. Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa kwan pa so hyehyɛ wɔn ho. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ti de sika anaa adwinne a ne bo yɛ den siesie wɔn ho na wɔhyɛ ntade a ne bo yɛ den. 10 Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea adi sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo. 11 Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade.

12 Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. 13 Efisɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. 14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so. 15 Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu.