Add parallel Print Page Options

Brɛ wo ho ase ma Onyankopɔn

Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneenen repɛ nneɛma bi nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Nea morehwehwɛ no, mo nsa renka efisɛ, mummisa Onyankopɔn. Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ, mowɔ adwemmɔne. Mubisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔde.

Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no dan Onyankopɔn tamfo. Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa? Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”

Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo nyaatwomfo! Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan su, na mo anigye nnan awerɛhow. 10 Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmu ne kɔkɔbɔ

11 Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a odi ne nua ho nseku anaa obu ne nua atɛn no, di Mmara no ho nseku. Na sɛ wubu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei de wunni Mmara no so na mmom wubu no atɛn. 12 Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa ne kɔkɔbɔ

13 Mo a moka se, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma apɛ sika” no, muntie me. 14 Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huruhuro a ɛba mmere tiaa bi na ayera. 15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.” 16 Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.

17 Enti nea onim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Submit Yourselves to God

What causes fights and quarrels(A) among you? Don’t they come from your desires that battle(B) within you? You desire but do not have, so you kill.(C) You covet but you cannot get what you want, so you quarrel and fight. You do not have because you do not ask God. When you ask, you do not receive,(D) because you ask with wrong motives,(E) that you may spend what you get on your pleasures.

You adulterous(F) people,[a] don’t you know that friendship with the world(G) means enmity against God?(H) Therefore, anyone who chooses to be a friend of the world becomes an enemy of God.(I) Or do you think Scripture says without reason that he jealously longs for the spirit he has caused to dwell in us[b]?(J) But he gives us more grace. That is why Scripture says:

“God opposes the proud
    but shows favor to the humble.”[c](K)

Submit yourselves, then, to God. Resist the devil,(L) and he will flee from you. Come near to God and he will come near to you.(M) Wash your hands,(N) you sinners, and purify your hearts,(O) you double-minded.(P) Grieve, mourn and wail. Change your laughter to mourning and your joy to gloom.(Q) 10 Humble yourselves before the Lord, and he will lift you up.(R)

11 Brothers and sisters, do not slander one another.(S) Anyone who speaks against a brother or sister[d] or judges them(T) speaks against the law(U) and judges it. When you judge the law, you are not keeping it,(V) but sitting in judgment on it. 12 There is only one Lawgiver and Judge,(W) the one who is able to save and destroy.(X) But you—who are you to judge your neighbor?(Y)

Boasting About Tomorrow

13 Now listen,(Z) you who say, “Today or tomorrow we will go to this or that city, spend a year there, carry on business and make money.”(AA) 14 Why, you do not even know what will happen tomorrow. What is your life? You are a mist that appears for a little while and then vanishes.(AB) 15 Instead, you ought to say, “If it is the Lord’s will,(AC) we will live and do this or that.” 16 As it is, you boast in your arrogant schemes. All such boasting is evil.(AD) 17 If anyone, then, knows the good they ought to do and doesn’t do it, it is sin for them.(AE)

Footnotes

  1. James 4:4 An allusion to covenant unfaithfulness; see Hosea 3:1.
  2. James 4:5 Or that the spirit he caused to dwell in us envies intensely; or that the Spirit he caused to dwell in us longs jealously
  3. James 4:6 Prov. 3:34
  4. James 4:11 The Greek word for brother or sister (adelphos) refers here to a believer, whether man or woman, as part of God’s family.