Add parallel Print Page Options

Dwom foforo

14 Afei mehwɛe na mihui sɛ Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so. Na nnipa ɔpeha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne n’agya din wɔ wɔn moma so. Na metee nne bi fi soro a na ɛworo so te sɛ nsuworoee a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a metee no te sɛ dwom a sankubɔfo bi rebɔ wɔ ne sanku so. Na nnipa ɔpeha aduanan anan no ani kyerɛ ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no. Wɔtoo dwom foforo bi a gye wɔn a wɔagye wɔn a wɔafi asase so no nko ara na wotumi suae. Wɔyɛ mmarima bi a esiane sɛ wɔne mmea nna no nti, wɔn ho atew. Baabiara a Oguammaa no bɛkɔ no, na wodi n’akyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu, na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguammaa no. Wɔnka atorosɛm, na mfomso nni wɔn ho.

Abɔfo baasa no

Afei mihuu ɔbɔfo foforo sɛ watu nam soro soro a ɔrekɔka Asɛmpa a entwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho.

Ɔteɛɛm se, “Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ, bere no adu sɛ obu adasamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ soro, asase, ɛpo ne nsuti no!”

Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se, “Wahwe ase! Babilon kɛse ahwe ase! Ɔde ne nsa a ɛmaa nnipa nyinaa bɔɔ aguaman no ma wɔnomee.”

Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi teɛɛm kae se, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, n’abufuw nsa a ɔde n’ahoɔden nyinaa ahwie agu n’abufuw kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyeraw wɔ ogya ne sɔfre mu wɔ abɔfo ne Oguammaa no anim. 11 Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no kɔɔ soro daa daa. Awia ne anadwo nyinaa, ogye nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no. 12 Eyi nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.

13 Afei metee nne bi fi soro a ɛkae se, “Kyerɛw eyi: Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi. Honhom no se, Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” 14 Mihuu omununkum fitaa bi a na abɔde bi a na ɔte so no te sɛ onipa a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okita kantankrankyi nnamnnam bi.

15 Afei ɔbɔfo foforo bi fii asɔredan no mu puei, teɛɛm kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, “Fa wo kantankrankyi no twa efisɛ, otwa bere no adu; asase no asow aba a ɛsɛ sɛ wotwa!” 16 Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so ma etwaa asase so nnɔbae.

17 Afei mihuu ɔbɔfo foforo bi a ofi soro asɔredan mu apue a ɔno nso kita kantankrankyi nnamnnam bi.

18 Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya so fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ ɔbɔfo a okita kankankrankyi nnamnnam no se, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no asiaw aisaw efisɛ, n’aba no abere.” 19 Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. 20 Na wotiatiaa nsakyiamoa no so kurotia na mogya fii nsakyiamoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho teɛe akwansin apem ahansia.

The Lamb and the 144,000

14 Then I looked, and there before me was the Lamb,(A) standing on Mount Zion,(B) and with him 144,000(C) who had his name and his Father’s name(D) written on their foreheads.(E) And I heard a sound from heaven like the roar of rushing waters(F) and like a loud peal of thunder.(G) The sound I heard was like that of harpists playing their harps.(H) And they sang a new song(I) before the throne and before the four living creatures(J) and the elders.(K) No one could learn the song except the 144,000(L) who had been redeemed from the earth. These are those who did not defile themselves with women, for they remained virgins.(M) They follow the Lamb wherever he goes.(N) They were purchased from among mankind(O) and offered as firstfruits(P) to God and the Lamb. No lie was found in their mouths;(Q) they are blameless.(R)

The Three Angels

Then I saw another angel flying in midair,(S) and he had the eternal gospel to proclaim to those who live on the earth(T)—to every nation, tribe, language and people.(U) He said in a loud voice, “Fear God(V) and give him glory,(W) because the hour of his judgment has come. Worship him who made(X) the heavens, the earth, the sea and the springs of water.”(Y)

A second angel followed and said, “‘Fallen! Fallen is Babylon the Great,’[a](Z) which made all the nations drink the maddening wine of her adulteries.”(AA)

A third angel followed them and said in a loud voice: “If anyone worships the beast(AB) and its image(AC) and receives its mark on their forehead(AD) or on their hand, 10 they, too, will drink the wine of God’s fury,(AE) which has been poured full strength into the cup of his wrath.(AF) They will be tormented with burning sulfur(AG) in the presence of the holy angels and of the Lamb. 11 And the smoke of their torment will rise for ever and ever.(AH) There will be no rest day or night(AI) for those who worship the beast and its image,(AJ) or for anyone who receives the mark of its name.”(AK) 12 This calls for patient endurance(AL) on the part of the people of God(AM) who keep his commands(AN) and remain faithful to Jesus.

13 Then I heard a voice from heaven say, “Write this: Blessed are the dead who die in the Lord(AO) from now on.”

“Yes,” says the Spirit,(AP) “they will rest from their labor, for their deeds will follow them.”

Harvesting the Earth and Trampling the Winepress

14 I looked, and there before me was a white cloud,(AQ) and seated on the cloud was one like a son of man[b](AR) with a crown(AS) of gold on his head and a sharp sickle in his hand. 15 Then another angel came out of the temple(AT) and called in a loud voice to him who was sitting on the cloud, “Take your sickle(AU) and reap, because the time to reap has come, for the harvest(AV) of the earth is ripe.” 16 So he who was seated on the cloud swung his sickle over the earth, and the earth was harvested.

17 Another angel came out of the temple in heaven, and he too had a sharp sickle.(AW) 18 Still another angel, who had charge of the fire, came from the altar(AX) and called in a loud voice to him who had the sharp sickle, “Take your sharp sickle(AY) and gather the clusters of grapes from the earth’s vine, because its grapes are ripe.” 19 The angel swung his sickle on the earth, gathered its grapes and threw them into the great winepress of God’s wrath.(AZ) 20 They were trampled in the winepress(BA) outside the city,(BB) and blood(BC) flowed out of the press, rising as high as the horses’ bridles for a distance of 1,600 stadia.[c]

Footnotes

  1. Revelation 14:8 Isaiah 21:9
  2. Revelation 14:14 See Daniel 7:13.
  3. Revelation 14:20 That is, about 180 miles or about 300 kilometers