Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu yɛ den ma wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ɛno nti na wiase nnim yɛn no; ennim Onyankopɔn. Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efisɛ, yebehu no pefee. Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛnea Kristo yɛ kronn no.

Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ, bɔne yɛ mmara sobu. Munim sɛ Kristo bae sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ, ɔno de bɔne nni ne mu. Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhuu no, na onnim no.

Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no yɛ ɔtreneeni sɛnea Kristo yɛ ɔtreneeni no. Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ, ɔbonsam fi mfitiase pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbae sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ, Onyankopɔn su wɔ ne mu na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ n’Agya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne.

10 Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Monnodɔ mo ho

11 Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ monnodɔ mo ho.

12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum n’ankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ, nneɛma a ɔyɛe no yɛ bɔne nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa. 13 Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.

14 Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ, yɛdɔ yɛn nuanom. 15 Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifo na munim nso sɛ owudifo nni nkwa a enni awiei wɔ ne mu. 16 Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

17 Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na ɔto ne koma mu wɔ ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu? 18 Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi. 19 Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi wɔ Onyankopɔn anim. 20 Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, yenim sɛ Onyankopɔn so sen yɛn koma na onim biribiara.

21 Enti anuanom adɔfo, sɛ yɛn koma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoduru wɔ Onyankopɔn anim. 22 Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka efisɛ, yedi ne mmara so na yɛyɛ n’apɛde nso. 23 Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no. 24 Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa efisɛ, wama yɛn Honhom.

See what great love(A) the Father has lavished on us, that we should be called children of God!(B) And that is what we are! The reason the world does not know us is that it did not know him.(C) Dear friends,(D) now we are children of God,(E) and what we will be has not yet been made known. But we know that when Christ appears,[a](F) we shall be like him,(G) for we shall see him as he is.(H) All who have this hope in him purify themselves,(I) just as he is pure.(J)

Everyone who sins breaks the law; in fact, sin is lawlessness.(K) But you know that he appeared so that he might take away our sins.(L) And in him is no sin.(M) No one who lives in him keeps on sinning.(N) No one who continues to sin has either seen him(O) or known him.(P)

Dear children,(Q) do not let anyone lead you astray.(R) The one who does what is right is righteous, just as he is righteous.(S) The one who does what is sinful is of the devil,(T) because the devil has been sinning from the beginning. The reason the Son of God(U) appeared was to destroy the devil’s work.(V) No one who is born of God(W) will continue to sin,(X) because God’s seed(Y) remains in them; they cannot go on sinning, because they have been born of God. 10 This is how we know who the children of God(Z) are and who the children of the devil(AA) are: Anyone who does not do what is right is not God’s child, nor is anyone who does not love(AB) their brother and sister.(AC)

More on Love and Hatred

11 For this is the message you heard(AD) from the beginning:(AE) We should love one another.(AF) 12 Do not be like Cain, who belonged to the evil one(AG) and murdered his brother.(AH) And why did he murder him? Because his own actions were evil and his brother’s were righteous.(AI) 13 Do not be surprised, my brothers and sisters,[b] if the world hates you.(AJ) 14 We know that we have passed from death to life,(AK) because we love each other. Anyone who does not love remains in death.(AL) 15 Anyone who hates a brother or sister(AM) is a murderer,(AN) and you know that no murderer has eternal life residing in him.(AO)

16 This is how we know what love is: Jesus Christ laid down his life for us.(AP) And we ought to lay down our lives for our brothers and sisters.(AQ) 17 If anyone has material possessions and sees a brother or sister in need but has no pity on them,(AR) how can the love of God be in that person?(AS) 18 Dear children,(AT) let us not love with words or speech but with actions and in truth.(AU)

19 This is how we know that we belong to the truth and how we set our hearts at rest in his presence: 20 If our hearts condemn us, we know that God is greater than our hearts, and he knows everything. 21 Dear friends,(AV) if our hearts do not condemn us, we have confidence before God(AW) 22 and receive from him anything we ask,(AX) because we keep his commands(AY) and do what pleases him.(AZ) 23 And this is his command: to believe(BA) in the name of his Son, Jesus Christ,(BB) and to love one another as he commanded us.(BC) 24 The one who keeps God’s commands(BD) lives in him,(BE) and he in them. And this is how we know that he lives in us: We know it by the Spirit he gave us.(BF)

Footnotes

  1. 1 John 3:2 Or when it is made known
  2. 1 John 3:13 The Greek word for brothers and sisters (adelphoi) refers here to believers, both men and women, as part of God’s family; also in verse 16.