Add parallel Print Page Options

Lasaro

11 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi saa ɔbarima yi yaree. Saa Maria yi na ne nua ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinhwi popae no. Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”

Yesu tee nkra no, ɔkae se, “Ɛnyɛ saa yare yi na ebekum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa yare yi so hyɛ ne ho anuonyam na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”

Na Yesu pɛ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro asɛm yiye. Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneenen no, wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnanu. Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”

Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛe sɛ wosiw wo abo ɛnna afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”

Yesu kae se, “Nnɔnhwere dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a, ɔrenhintiw, efisɛ, ɔnam wiase hann mu. 10 Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a, obehintiw, efisɛ, ɔnam sum mu.” 11 Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”

12 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a, ɛnne na ne ho bɛtɔ no.” 13 Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.

14 Ɛno nti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu; 15 nanso mo nti, ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”

16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”

Lasaro wu ne ne sie

17 Yesu duu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18 Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien, 19 na saa bere no, na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho. 20 Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie. 21 Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22 Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.”

23 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”

24 Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”

25 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsan anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ogye me di no, renwu da. Wugye eyi di anaa?” 27 Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye midi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”

Yesu su Lasaro

28 Marta kaa saa asɛm yi wiei no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoam ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa w’ase.” 29 Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu.

30 Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no. 31 Bere a Yudafo a wɔwɔ fie hɔ regyam Maria no hui sɛ wasɔre ɔhare so refi adi no, wodii n’akyi, efisɛ, na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.

32 Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha, a anka me nua no anwu.”

33 Yesu hui sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee. 34 Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?” Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.” 35 Yesu sui.

36 Yudafo no hui sɛ ɔresu no, wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.” 37 Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no, munnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa anaa?”

Yesu nyan Lasaro fi awufo mu

38 Asɛm a nkurɔfo no kae no hyee Yesu maa ne werɛ san howee. Afei ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɔbo ahini ano no so.

39 Yesu hyɛɛ wɔn sɛ, “Munyi ɔbo a ehini ɛda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnanan ni a yebesiee no enti saa bere yi de, ɛbɔn.”

40 Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se, sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”

41 Woyii ɔbo no fii ɛda no ano. Afei Yesu hwɛɛ soro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me. 42 Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.” 43 Ɔkaa eyi wiei no, ɔteɛɛm dennen se, “Lasaro, sɔre bra!”

44 Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne n’anim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”

Yudafo bɔ Yesu ho pɔw

45 Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii. 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

47 Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ! 48 Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi n’akyi. Sɛ ɛba saa a, Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”

49 Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no kae se, “Mo de, munnim hwee! 50 Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”

51 Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi. Efisɛ, esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panyin saa bere no nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu bewu de agye mo nkwa; 52 na ɛnyɛ wɔn nko na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako. 53 Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.

54 Eyi nti, Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea na ofi hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne n’asuafo no kɔtenaa hɔ.

55 Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fifi wɔn nkuraase kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no, ɛno nti, woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?” Ebinom kae se, “Yennye nni.” 57 Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim baabi a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.