Add parallel Print Page Options

Yesu ne ɔkwan no

14 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Mommma mo koma nntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni. Tenabea bebree wɔ m’agya fi, ɛno nti, merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a, anka merenka nkyerɛ mo. Na sɛ mekɔ na mekosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. Munim faako a merekɔ no ne ɔkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”

Toma bisaa no se, “Awurade, yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu kwan aba hɔ bi.”

Yesu buae se, “Mene kwan no, ne nokware no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ gye sɛ ɔfa me so.” Yesu kae bio se, “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu m’agya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ, moahu no!”

Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ, nea yɛrehwehwɛ ara ne no.”

Yesu buae no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaadaw yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim m’agya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10 Filipo, wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu?” Yesu san ka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi m’ankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ n’adwuma. 11 Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni.

12 “Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ, merekɔ m’agya no nkyɛn. 13 Na biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14 Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.

Honhom Kronkron ho bɔhyɛ

15 “Sɛ modɔ me a, mubedi m’ahyɛde so. 16 Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17 Wiase rentumi nnye no, efisɛ, wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ, ɔne mo na ɛte. 18 Merennyaw mo sɛ nyisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio. 19 Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo de, mubehu me; na esiane sɛ mete ase no nti, mo nso mobɛtena ase. 20 Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, na mubehu sɛ, mewɔ m’agya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no. 21 Obiara a odi m’ahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”

22 Yuda, ɛnyɛ Iskariot, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”

23 Yesu buaa no se, “Obiara a ɔdɔ me no, bedi me nsɛm so. M’agya bɛdɔ no na me ne m’agya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm na mmom, efi m’agya a ɔsomaa me no nkyɛn. 25 Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo. 26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaekae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.

27 “Asomdwoe na mede regyaw mo; m’asomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma nntu; na munnsuro nso. 28 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo se, ‘Merekɔ, nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ, afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn. 29 Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi.

30 “Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ, ɔbonsam no reba nanso onni me so tumi. 31 Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no. Monsɔre mma yɛnkɔ.”