Add parallel Print Page Options

Awerɛhow ne anigye wɔ yɛn anim

16 “Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn. Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn. Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ, wonnim Agya no na me nso wonnim me. Nanso maka eyi akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfitiase no, manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.

Honhom Kronkron dwumadi

“Afei de merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’ Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow. Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafo no remma mo nkyɛn.

“Nanso sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ, wonnye me nni. 10 Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. 11 Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ, wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.

12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo nanso mprempren de, morentumi nte ase. 13 Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho na mmom, nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14 Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ, obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15 Biribiara a m’agya wɔ no yɛ me de. Ɛno nti na mekae se, Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.

Awerɛhow ne anigye

16 “Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio!”

17 Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan ka bio se, ‘Efisɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ “

18 Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”

19 Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio’. Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20 Meka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21 Sɛ ɔbea rebɛwo a, na werɛ how, efisɛ, n’amanehunu bere adu so. Nanso sɛ onya wo a, ne werɛ fi ne yaw, efisɛ, n’ani gye sɛ wawo onipa aba wiase. 22 Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren de, mo werɛ ahow. Nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam. 23 Sɛ saa da no du a, moremmisa me biribiara. Meka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo. 24 Ebesi saa bere yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.

Wiase so nkonimdi

25 “Menam abebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa abebu mu bio na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no fann akyerɛ mo. 26 Sɛ saa da no du a, mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo, 27 efisɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae. 28 Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”

29 N’asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. 30 Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”

31 Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di? 32 Bere bi rebedu na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛhwete na obiara akɔ ne fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ, Agya no ka me ho. 33 Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”