Add parallel Print Page Options

Obubuafo bi ayaresa

Eyi akyi no, Yudafo afahyɛ bi nti, Yesu san kɔɔ Yerusalem. Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ apata ahorow anum atwa ho ahyia. Saa apata yi ase na na ayarefo pii sɛ, anifuraefo, mpakye ne mmubuafo wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfo fi soro bɛba abɛfono nsu no. Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ nsu no mu no nya ayaresa.

Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. Yesu hui sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

Ɔyarefo no buaa no se, “Me wura, sɛ ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsu no mu no, obi di me kan.”

Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.” Amonom hɔ ara ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔw ne kɛtɛ, fitii ase nantewee. Na saa da no yɛ homeda. 10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”

11 Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, “Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”

12 Wɔtee saa no, wobisaa no se, “Hena ne saa onipa yi?”

13 Nso na nea ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afi nnipa no mu kɔ. 14 Akyiri yi Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo se, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so.”

15 Ɔbarima yi fii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no.

Ɔba no tumi

16 Yudafo mpanyin yi fitii ase tanee Yesu ani, efisɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “M’agya yɛ adwuma bere biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.”

18 Saa asɛm a Yesu kae yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum no, efisɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ n’agya yɛ no bi. 20 Efisɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo. 21 Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no. 22 Afei koraa, m’agya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, 23 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

24 “Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ, wafi owu mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokware bio se, bere bi reba na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa. 26 Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ, ɔno ne Onipa Ba no. 28 Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ, bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn damoa mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ.

30 “Merentumi mfi m’ankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti, atɛn a mibu no yɛ nokware.

Yesu ho adansedi

31 “Sɛ me ara midi me ho adanse a, m’adansedi no nni mu. 32 Na obi wɔ hɔ a odi me ho adanse a minim sɛ n’adanse a odi fa me ho no yɛ nokware. 33 Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware. 34 Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkae a ɛte sɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn no maa mo ani gyei. 36 Me nnwuma a m’agya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanse sen adanse a Yohane di faa me ho no. 37 Ɛwom sɛ munhuu Agya no anim da na montee ne nne nso da nanso wadi me ho adanse. 38 Na n’asɛm no nso momfa nsie mo tirim, efisɛ, munnye me a ɔsomaa me no nni.

39 “Musua Kyerɛwsɛm no efisɛ, mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse! 40 Eyi nyinaa akyi no, mompɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

41 “Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam. 42 Minim nnipa ko a moyɛ. Minim sɛ munni Onyankopɔn ho dɔ. 43 Mebaa m’agya din mu nanso moannye me. Nanso sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no. 44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu no. 46 Sɛ mugyee Mose dii a, anka me nso mubegye me adi, efisɛ, nsɛm a ɔkyerɛwee no di me ho adanse. 47 Na esiane sɛ moannye nsɛm a ɔkyerɛwee no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ munnye me nni.”